Pular para o conteúdo
Publicidade

Lamentações 5

1 Awurade, kae nea aba yɛn so;

hwɛ, na hu yɛn animguase.

2 Wɔadan yɛn agyapade ama ahɔho,

wɔde yɛn afi ama ananafo.

3 Yɛayɛ nyisaa na yenni agyanom,

yɛn nanom akunafo.

4 Ɛsɛ yɛtɔ nsu a yɛnom;

yebenya nnyina a, gye yɛtɔ.

5 Wɔn a wɔtaa yɛn no abɛn yɛn pɛɛ;

Yɛabrɛ na yennya ahomegye.

6 Yɛde yɛn ho maa Misraim ne Asiria

sɛnea yebenya aduan a ɛbɛso yɛn.

7 Yɛn agyanom yɛɛ bɔne, na wonni bio,

na yɛn na wɔn asotwe abɛda yɛn so.

8 Nkoa di yɛn so,

na obiara nni a obegye yɛn afi wɔn nsam.

9 Yɛde yɛn nkwa afɔre de yɛn anoduan,

afoa a ɛwɔ sare so no nti.

10 Yɛn honam adɔ fononoo.

Ɔkɔm ama atiridii abɔ yɛn.

11 Wɔato mmea mmonnaa Sion,

ne mmabun a wɔwɔ Yuda nkurow so.

12 Wɔkyekyere mmapɔmma nsa na wɔasɛn wɔn;

wɔmmfa nidi mma mpanyimfo.

13 Mmerante adwumaden awiyammo so;

na mmerantewa nan toto nnyina duruduru ase.

14 Mpanyimfo ntena kuropɔn apon ano bio;

mmerante agyae wɔn nnwonto.

15 Ahosɛpɛw afi yɛn koma mu;

yɛn asaw adan agyaadwotwa.

16 Ahenkyɛw afi yɛn ti so.

Yɛn ara, yennue yɛayɛ bɔne!

17 Eyi nti yɛn koma atɔ beraw,

eyinom nti yɛn ani so ayɛ kusuu

18 Sion bepɔw a ada mpan

na sakraman nenam so no nti.

19 Wo, Awurade, di hene afebɔɔ;

wʼahengua fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso.

20 Adɛn nti na wo werɛ fi yɛn daa yi?

Adɛn nti na wagyaw yɛn, mmere tenten mu yi?

21 Ka yɛn bata wo ho bio, Awurade, na yɛatumi asan aba wo nkyɛn;

yɛn nna foforo tete no

22 gye woapo yɛn koraa

anaasɛ wo bo afuw yɛn mmoroso.

Veja também

Lamentações
Ver todos os capítulos de Lamentações