Yakobo Ne Yohane Abisade
35 Afei Sebedeo mma Yakobo ne Yohane baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, "Kyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ woyɛ yɛn adɔe bi."
36 Yesu bisaa wɔn se, "Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?"
37 Wobuae se, "Ma yɛn mu baako ntena wo nifa so, na ɔbaako nso ntena wo benkum so wɔ wʼahenni mu hɔ!"