Onifuraefo Bi Adehu
46 Yesu ne nʼasuafo no beduu Yeriko. Wɔrefi kurow no mu no, nnipakuw tu dii wɔn akyi. Saa bere a Yesu retwa mu no, na onifuraefo Bartimeo a ne din nkyerɛase ne "Timoteo ba" no te kwankyɛn resrɛsrɛ ade. 47 Bere a Bartimeo tee sɛ Yesu Nasareni na ɔretwam no, ofii ase teɛteɛɛ mu se, "Dawid Ba Yesu, hu me mmɔbɔ!"
48 Nnipa no bi teɛteɛɛ no se, "Mua wʼano!" Nanso ɔkɔɔ so teɛteɛɛ mu dennen se, "Dawid ba, hu me mmɔbɔ!"
49 Bere a Yesu tee ne nne no, ogyina kae se, "Momfrɛ no mma me."
Wɔfrɛɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no se, "Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre na ɔrefrɛ wo!" 50 Bartimeo tow ne ntama gui, sɔre baa Yesu nkyɛn.
51 Yesu bisaa no se, "Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?"
Onifuraefo no buae se, "Kyerɛkyerɛfo, mepɛ sɛ mihu ade!"
52 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Kɔ, na wo gyidi agye wo." Na ntɛm ara onifuraefo no huu ade, na odii Yesu akyi.