Borɔdɔma Dua A Ewui No
20 Anɔpa a asuafo no retwa mu wɔ borɔdɔma dua a Yesu domee no no ho no, wuhuu sɛ awu. 21 Petro kaee asɛm a Yesu ka de domee dua no no, ɔteɛɛ mu se, "Hwɛ, Kyerɛkyerɛfo! Borɔdɔma dua a wodomee no no awu!"
22 Yesu nso ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "Sɛ mowɔ gyidi wɔ Onyankopɔn mu a, 23 anka mubetumi aka akyerɛ Ngo Bepɔw yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ebetutu akogu mu nso. Munnye nni; mommma mo gyidi nhinhim. 24 Muntie nea mereka yi. Biribiara a mubebisa wɔ mpaebɔ mu no, munnye nni sɛ mo nsa aka, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo. 25 Na sɛ morebɔ mpae a, nea edi kan no, sɛ mowɔ obi ho asɛm a momfa nkyɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso de mo bɔne bɛkyɛ mo.