Adidi Kronkron Abɔse
22 Bere a wɔredidi no, Yesu faa brodo, na ohyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kae se, "Munnye nni; eyi ne me nipadua."
23 Afei ɔfaa kuruwa a nsa wɔ mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi.
24 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Eyi ne me mogya a ɛyɛ apam no mogya a ɛhyɛ Apam Foforo no mu den a bebree nti wɔrehwie agu. 25 Mereka akyerɛ mo se, merennom saa nsa yi bio da akosi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu."