37 Prɛko pɛ, ahum kɛse bi tu maa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so ma ɛyɛɛ sɛ ɛremem. 38 Saa bere no, na Yesu wɔ ɔkorow no to de ne ti ato sumii so ada. Asuafo no de ahopopo ne nteɛteɛ mu konyan no kae se, "Kyerɛkyerɛfo, yɛreyɛ amem yi ɛmfa wo ho?"
39 Ɔsɔre teɛteɛɛ mframa no ka kyerɛɛ po no se, "Yɛ komm!" Mframa no gyaee, na po no yɛɛ komm!
40 Yesu bisaa wɔn se, "Adɛn na moyɛ ahufo sɛɛ? Moda so nni gyidi ara?"
41 Na wɔn ho dwiriw wɔn yiye, bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, "Onipa bɛn ni a mframa ne po mpo tie no yi?"