Pular para o conteúdo
Publicidade

Marko 5

25 Na ɔbea bi a watu mogya mfe dumien ka nnipakuw no ho. 26 Ɔde ne yare no akyin ayaresafo bebree so, atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara. 27 Na wate anwonwade a Yesu ayɛ no nyinaa, na ɛno nti ɔde ne ho fraa nnipakuw no, de ne nsa besoo Yesu atade mu no. 28 Ɔdwenee ho kae se, "mitumi nya ne ho kwan, de me nsa so nʼatade mu kɛkɛ a, me ho bɛtɔ me." 29 Ampa ara, so a osoo nʼatade no mu na mogya no twa maa ne ho tɔɔ no.

30 Amono mu ara, Yesu tee nka tumi bi afi ne mu. Ɔdan ne ho kyerɛɛ nnipakuw no bisae se, "Hena na osoo mʼatade mu no?"

31 Nʼasuafo no buae se, "Saa nnipakuw a obiara de ne ho twitwiw ne yɔnko yi na worebisa se, Hena na ɔde ne nsa aka mʼatade?’ "

32 Nanso ɔpɛɛ ohu onipa ko a osoo nʼatade mu no. 33 Bere a ɔbea no huu asɛm a asi no, ɔde ahopopo bebuu Yesu nkotodwe kaa nea ɔyɛe no kyerɛɛ no. 34 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoe ; wo yare no agyae."

Veja também