37 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Momma wɔn aduan nni."
Wobisaa no se, "Ansa na yebetumi ama saa nnipa dodow yi aduan no, ɛsɛ sɛ yenya asram asia akatua. Yɛnsɛe sika a ɛte saa mfa mma wɔn brodo nni ana?"
38 Yesu bisaa wɔn se, "Brodo ahe na mowɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ."
Wɔsan ba bɛka kyerɛɛ no se, "Wɔwɔ brodo anum ne mpataa abien."
39 Afei Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuwakuw wɔ sare no so. 40 Wɔtenatenaa ase akuwakuw a bi yɛ ɔha na bi yɛ aduonum. 41 Yesu faa brodo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro, bɔɔ mpae, hyiraa so. Obubuu brodo no mu de maa asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn. 42 Nnipa no dii aduan no maa obiara mee! 43 Nnipa a wodii aduan no bɛyɛ mmarima mpem anum;