Pular para o conteúdo
Publicidade

Marcos 6

Odiyifo A Onni Anuonyam

1 Yesu fi faako a ɔwɔ kɔɔ ne kurom a nʼasuafo no ka ne ho. 2 Ɔkɔɔ hyiadan mu Homeda, fii ase kyerɛkyerɛ maa dodow a wobetiee no ho dwiriw wɔn.

Wobisae se, "Ɛhe na saa onipa yi nyaa saa nneɛma yi, dɛn nyansa na wɔde ama no a nti otumi anwonwade yi? 3 Ɛnyɛ duadwumfo no ni? Ɛnyɛ Maria babarima a ne nuanom ne Yakobo, Yosef, Yuda ne Simon no ni? Ɛnyɛ yɛne ne nuabeanom na ɛte ha!" Na wɔn bo fuw no.

4 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Odiyifo kurom, nʼabusuafo mu, ne ne fi na onni anuonyam." 5 Wantumi anyɛ anwonwade ahorow , gye ayarefo kakraa bi na ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yare. 6 Gye a wɔannye no anni no yɛɛ no nwonwa.

Yesu Soma Asuafo Dumien No

Na Yesu kyinkyinii nkuraase kyerɛkyerɛe. 7 Yesu frɛɛ nʼasuafo dumien no baa ne nkyɛn, na ɔsomaa wɔn baanu baanu, maa wɔn tumi ahonhommɔne so.

8 Akwankyerɛ a ɔde maa wɔn ni, "Mommfa biribiara nkura gye mo pema nko ara; mommfa aduan anaa kotoku anaa sika. 9 Bio, mommfa mpaboa foforo anaa atade foforo nka nea ɛhyɛ mo yi ho. 10 Baabiara a mobɛkɔ no, montena ofi baako mu. Monnsesa mo atenae. 11 Na morefi kurow bi a wɔannye anaa wɔantie mo no mu akɔ a, momporoporow mo anan ase tutuw, mfa nni adanse."

12 Asuafo no kɔkaa asɛm no kyerɛɛ obiara a wohyiaa no no ɔnsakra nʼadwene, ntwe ne ho mfi ne bɔne ho. 13 Na wotutuu ahonhommɔne bebree, de ngo sraa ayarefo pii saa wɔn yare.

Osuboni Yohane Kum

14 Ɔhene Herode tee eyi, efisɛ na Yesu din atrɛw. Ebinom kae se, "Osuboni Yohane no na wasan aba nkwa mu bio, enti na otumi anwonwade a ɔyɛ yi."

15 Ebinom nso susuw , Yesu Odiyifo Elia na wasan aba.

Afoforo nso kae se, odiyifo foforo bi a ɔte tete adiyifo akɛse no bi na waba.

16 Herode kae se, "Dabi, ɛyɛ Osuboni Yohane a mitwaa ne ti no. Wanyan afi owu mu."

17 Saa bere no na Herode asoma asraafo ma wɔakɔkyere Yohane de no ato afiase, efisɛ na Yohane akasa atia Herode ne Herodia a na ɔyɛ Herode nua Filipo yere no aware. 18 Osuboni Yohane ka kyerɛɛ Herode se, "Wunni ho kwan woware wo nua yere." 19 Asɛm a Yohane kae no anyɛ Herodia nso , ma onyaa ne ho menasepɔw kae se, ɛsɛ wokum Yohane. Nanso ɔrentumi nkum no gye Herode ama no tumi. 20 Na Herode de obu ma Yohane, efisɛ na onim ɔyɛ onipa trenee. Eyi nti ɔbɔɔ ne ho ban. Bere biara a Horode ne Yohane bɛkasa no, na ne ho yeraw no nanso eyi nyinaa akyi no, ɔde ntoboase tiee no.

21 Nea Herodia pɛɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne , na Herode redi nʼawoda, ma ɔtoo pon nʼahemfi maa ne mpanyimfo, nʼasafohene ne Galilea mpanyimfo. 22,23 Herodia babea bɛsaw kyerɛɛ wɔn ma ɛyɛɛ wɔn nyinaa . Herode de ntam ka kyerɛɛ ababaa no se, "Bisa me biribiara a wopɛ; mʼaheman mu fa mpo na wopɛ koraa a, mede bɛma wo!"

24 Ababaa yi kɔɔ ne na nkyɛn kobisaa no nea ommisa ma ɔka kyerɛɛ no se, "Bisa no Osuboni Yohane ti!"

25 Ababaa yi de ahoɔhare san baa ɔhene no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, "Mepɛ wode Osuboni Yohane ti to prɛte mu ma me mprempren ara!"

26 Eyi maa ɔhene no werɛ howee, nanso esiane na waka ntam nnipa no anim no nti, wammu a ɔhyɛɛ ne babea no so. 27 Herode somaa nʼasraafo no mu baako ɔnkɔ afiase nkotwa Yohane ti mfa mmrɛ no. Ɔsraani no kotwaa Osuboni Yohane ti, 28 na ɔde too prɛte mu brɛɛ ababaa no ma ɔde kɔmaa ne na. 29 Bere a Yohane asuafo no tee nea asi no, wɔbɛfaa nʼamu no kosiee no ɔboda bi mu.

Yesu Ma Nnipa Mpem Anum Aduan

30 Asomafo no san baa Yesu nkyɛn bɛkaa nea wɔyɛɛ ne nea wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ no. 31 Yesu tiee wɔn amanneɛ no wiee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Momma yɛntwe yɛn ho mfi nnipakuw yi ho na yɛnkɔhome kakra." Nea ɛma ɔkaa saa ne , na nnipa a wɔba wɔn nkyɛn no to ntwa da. Wonnya kwan mpo na wɔadidi.

32 Yesu ne nʼasuafo no tenaa ɔkorow mu kɔɔ baabi a obiara nni . 33 Nanso bere a wɔrekɔ no, nnipa pii huu wɔn ma wotuu mmirika faa mpoano kotwaa wɔn ho. 34 Eyi nti bere a Yesu sii fam no, na nnipakuw ahyia . Ohuu wɔn no ne yam hyehyee no maa wɔn efisɛ na wɔte nguan a wonni ɔhwɛfo. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ wohu.

35 Onwini reyɛ adwo no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, "Ade resa. Aduan biara nso nni ha. 36 Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow mu ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi ase, na wɔnkɔtɔ aduan bi nni."

37 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Momma wɔn aduan nni."

Wobisaa no se, "Ansa na yebetumi ama saa nnipa dodow yi aduan no, ɛsɛ yenya asram asia akatua. Yɛnsɛe sika a ɛte saa mfa mma wɔn brodo nni ana?"

38 Yesu bisaa wɔn se, "Brodo ahe na mowɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ."

Wɔsan ba bɛka kyerɛɛ no se, "Wɔwɔ brodo anum ne mpataa abien."

39 Afei Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuwakuw sare no so. 40 Wɔtenatenaa ase akuwakuw a bi ɔha na bi aduonum. 41 Yesu faa brodo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro, bɔɔ mpae, hyiraa so. Obubuu brodo no mu de maa asuafo no wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn. 42 Nnipa no dii aduan no maa obiara mee! 43 Nnipa a wodii aduan no bɛyɛ mmarima mpem anum; 44 na wɔtasee ase nkae no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.

Yesu Nantew Asu Ani

45 Adidi no akyi , Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔnkɔtena ɔkorow no mu, na wonni kan nkɔ Betsaida, na ɔregya nnipakuw no kwan na watiw wɔn. 46 Akyiri no, ɔkɔɔ bepɔw no so kɔbɔɔ mpae.

47 Anadwo no a asuafo no te ɔkorow mu adu asu no mfimfini no, na Yesu nko ara na ɔwɔ mpoano. 48 Ohuu na wɔn ho akyere wɔn; ɛne , mframa a ano den ne asorɔkye dwiradwiraa ɔkorow no, enti na wɔrebrɛ ɔkorow no hare mu. Anɔpahema bɛyɛ nnɔnabiɛsa bere mu no, ɔnantew asu no ani baa wɔn nkyɛn. Ɔyɛɛ ɔretwa wɔn ho. 49 Bere a asuafo no huu obi ɔnam asu no ani no, wɔde ehu teɛteɛɛ mu efisɛ na wosusuw wɔahu ɔsaman. 50 Wɔn nyinaa huu no.

Ɛhɔ ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Momma mo bo ntɔ mo yam. Ɛyɛ me! Munnsuro!" 51 Afei ɔkɔɔ wɔn nkyɛn ɔkorow no mu no, mframa no gyaee. Asuafo no ho dwiriw wɔn, 52 efisɛ na wɔnte aduanma no ase, na wɔapirim wɔn koma.

Genesaret Ayaresa

53 Wotwaa asu no baa Genesaret na woduu no, wɔde ɔkorow no baa mpoano. 54 Na wosi fii ɔkorow no mu no, nnipa a wogyinagyina no huu no. 55 Wotuu mmirika kyinii nkurow a atwa ahyia no nyinaa so soaa nnipa a wɔyare deda wɔn akɛtɛ so brɛɛ no baabiara a wɔtee ɔwɔ. 56 Na nkuraa ase anaa nkurow so baabiara a ɔkɔe no, wɔde ayarefo beguu mmɔnten so, srɛɛ no ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatade ano kɛkɛ. Ayarefo dodow a wotumi de wɔn nsa kaa nʼatade ano no ho yɛɛ wɔn den.

Veja também