13 Nea enti a ɛma mekasa kyerɛ wɔn mmebu mu no ne sɛ,
"Wohu de, nanso wonhu;
wɔte de, na wɔnte ase.
14 Wɔn so na ɛnam ama Yesaia nkɔm a ɔhyɛe se,
" ‘Ɔte de, mobɛte, nanso morente ase;
ohu de, mubehu, nanso morenhu no, aba mu.
15 Efisɛ ɔman yi koma apirim.
Wɔyɛ asoɔden;
wɔakatakata wɔn ani.
Sɛ ɛnte saa a anka wɔn ani behu ade,
na wɔn aso ate asɛm
na wɔn koma ate asɛm ase,
na wɔanu wɔn ho asan aba me nkyɛn na masa wɔn yare.’