Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 14

15 Anim rebiribiri no, Yesu asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, "Ade asa awie. Aduan biara nso nni ha. Ɛha nso mmɛn kurow biara. Enti gya nnipa no kwan, na wɔnkɔhwehwɛ aduan ntɔ nni nkurow no bi so."

16 Yesu buaa wɔn se, "Ɛho nhia wɔkɔ; momma wɔn aduan nni!"

17 Asuafo no ka kyerɛɛ no se, "Nea yɛwɔ nyinaa brodo anum ne mpataa abien ."

18 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Momfa mmrɛ me." 19 Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase sare no so. Ɔhwɛɛ soro bɔɔ mpae, hyiraa aduan no so. Afei obubuu mu de maa nʼasuafo no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no. 20 Obiara dii nea wɔde maa no no mee pintinn. Afei asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien. 21 Mmarima a wodii aduan no dodow bɛyɛ mpem anum a mmea ne mmofra no dodow nka ho.

Veja também