Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 15

Kanaanni Bea Bi Gyidi

21 Yesu fii ɔman no mu kɔɔ Tiro ne Sidon. 22 Kanaanni bea bi a ɔte ɔman no mu de osu baa Yesu nkyɛn bɛkae se, "Awurade, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na ɛka ne ho a, ɛma ne ho yeraw no."

23 Yesu anka hwee. Nʼasuafo no hyɛɛ no ɔmpam ɔbea no mfi . Wotii mu ka kyerɛɛ no se, "Ka kyerɛ no na omfi ha nkɔ, na ɔde nʼadesrɛ no retuatua yɛn aso."

24 Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, "Wɔsomaa me baa Yudafo, Israel nguan a wɔayera no nkyɛn na ɛnyɛ amanamanmufo."

25 Ɔba bɛkotow no kɔɔ so srɛɛ no se, "Me wura, boa me!"

26 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Enye wobegye aduan afi mmofra nsam atow ama akraman."

27 Ɔbea no nso buae se, "Ɛwɔ mu saa de, nanso akraman no nso tumi di mporoporowa a efi wɔn wura no pon so gu fam no."

28 Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, "Ɔbea, wo gyidi mu den. Mɛyɛ wʼabisade ama wo." Ɛhɔ ara, ne babea no ho tɔɔ no.

Veja também