Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 15

Nnipa Mpem Anan Aduanma

32 Afei Yesu frɛɛ nʼasuafo no nyinaa baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, "Nnipa yi me mmɔbɔ. Wɔabedi me nkyɛn ha nnansa. Aduan a ɛwɔ ha nyinaa nso asa. Nanso mempɛ mema wɔkɔ wɔn afi mu a wonnidii, anyɛ saa a, wɔbɛtotɔ piti kwan so."

33 Nʼasuafo no nso bisaa no se, "Sare so ha de, ɛhe na yebenya nnipadɔm yi ano aduan?"

34 Yesu nso bisaa wɔn se, "Brodo dodow ahe na mowɔ?"

Wobuae se, "Yɛwɔ brodo ason ne mpataa kakraa bi."

35 Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no maa wɔn nyinaa tenatenaa ase sare no so. 36 Afei ɔfaa brodo ason no ne mpataa no, hyiraa so na obubuu mu de maa asuafo no se wɔmfa mma nnipadɔm no nni. 37 Wɔn nyinaa dii aduan no mee pintinn. 38 Wɔn a wodii saa aduan no, na wɔn dodow nnipa mpem anan a wɔankan mmea ne mmofra anka ho. Wodidi wiei no, akyi mporoporowa a wɔtasee no yɛɛ nkɛntɛn ason.

Veja também