Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 17

Yesu Anuonyam Hyerɛn

1 Nnansia akyi no Yesu faa Petro, Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi a so dinn atifi. 2 Wɔwɔ no, wohuu ne nipadua asakra ama nʼanim ahyerɛn owia, ma nʼatade ayɛ fitafita nwera. 3 Prɛko , Mose ne Elia bepuee a na wɔne Yesu rekasa.

4 Petro kae se, "Awurade, ɛyɛ nwonwa yɛn nso yɛwɔ ha bi. wopɛ a, anka mɛbɔ asese abiɛsa na mede baako ama wo, na mede baako ama Mose, na mede baako ama Elia."

5 Petro gu so rekasa no, omununkum hann bi bɛkataa wɔn so na nne bi fi omununkum no mu kae se, "Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani. Muntie no!"

Veja também