Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 17

Otwafo Bi Ayaresa

14 Bere a osian duu bepɔw no ase no, ohuu nnipadɔm retwɛn no. Ɔbarima bi bebuu Yesu nkotodwe kae se, 15 "Owura, hu me ba bi a otwa mmɔbɔ, efisɛ ɔwɔ ɔhaw kɛse mu. otwa no ba a, etumi twa no hwe ogya anaa nsu mu. 16 Enti mede no brɛɛ wʼasuafo no wɔnsa no yare; nanso wɔantumi."

17 Yesu kae se, "Mo nnɛ mma asoɔdenfo a munni gyidi! Me ne mo ntena nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha." 18 Yesu teɛteɛɛ honhommɔne a ɛwɔ abarimaa no mu no ma etu fii ne mu ma amono mu ara ne ho tɔɔ no.

Veja também