Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 19

23 Afei Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "Meka mo nokware se ɛyɛ den ma osikani ɔbɛkɔ Ɔsoro Ahenni no mu. 24 Meka ti mu se, ɛyɛ mmerɛw yoma bewura pane aniwa mu sen osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu!"

25 Asuafo no tee saa asɛm no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn naa. Wobisae se, "Na ɛno de, hena na wiase mu ha wobegye no nkwa?"

26 Yesu hwɛɛ wɔn buae se, "Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu."

Veja também