Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateo 22

Owusɔre Mu Aware

23 Da no ara, Sadukifo a wonnye owusɔre nni no baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, 24 "Owura, Mose kae se, ɔbarima bi anwo na owu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabea na ɔne no nwo mma owufo no. 25 Anuanom baason bi ne yɛn tenaa ha. Ɔpanyin no waree a wanwo ba na owui. Enti ne nua a ɔto so abien no faa ne yere no kunabea. 26 Nea ɔto so abien no nso wui, maa nea ɔto so abiɛsa no faa ɔbea no kunabea. Ɔno nso wui a wanwo ba, maa ɔfoforo nso faa ɔbea no kunabea. Eyi toaa so ara kosii anuanom baason no nyinaa waree ɔbea no. 27 Nea edi akyi ne , ɔbea no nso wui. 28 Ɛno nti, owusɔrebere no, nnipa baason yi mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere? Efisɛ wɔn nyinaa waree no!’ "

29 Yesu buaa wɔn se, "Mo mfomso a moayɛ no fi nim a munnim Kyerɛwsɛm no ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ no! 30 Na owusɔrebere no, aware nni ; obiara bɛyɛ abɔfo a wɔwɔ ɔsoro no. 31 Nea ɛfa owusɔre no ho no nso, monkenkan nea Onyankopɔn aka afa ho no pɛn? Munhu Onyankopɔn kasa kyerɛɛ mo bere a ɔkae se, 32 Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?Eyi kyerɛ , Onyankopɔn nyɛ awufo Nyankopɔn na mmom, ateasefo Nyankopɔn."

33 Nnipadɔm no tee ne nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa.

Veja também