Osuboni Yohane Asɛnka
1 Bere a Yesu ne nʼawofo wɔ Nasaret no, Osuboni Yohane bɛkaa asɛm wɔ Yudea sare so se, 2 "Monsakra mo adwene; momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahenni no abɛn" 3 Yohane ne nea odiyifo Yesaia kaa ne ho asɛm se,
"Obi nne reteɛ mu wɔ sare so se,
‘Mommɔ kwan mma Awurade;
momma nʼatempɔn nteɛ!’ "
4 Saa bere no na Yohane fura yoma ho nwi ntama bɔ aboa nhoma abɔso. Na nʼaduan yɛ mmoadabi ne ɛwo. 5 Yerusalemfo ne Yudeafo ne nnipa a wɔte Asubɔnten Yordan ho no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn wɔ sare no so hɔ kotiee asɛm no bi. 6 Wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.