Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 5

Nkyene Ne Kanea

13 "Mone asase yi so nkyene. nkyene yera a, ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ nkyene bio? Enye mma hwee bio, gye wohwie gu na nnipa tiatia so.

14 "Mone wiase kanea. Kurow a ɛda bepɔw so no ntumi nhintaw. 15 Wɔnnsɔ kanea mfa nsie, na mmom wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ofi no mu no nyinaa. 16 Saa ara na momma mo nneyɛe pa nna adi mma nnipa nhu na wɔafa so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam."

Veja também