Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 5

Nhyira Nsɛm

1 Ohuu nnipakuw no saa no, ɔkɔɔ bepɔw bi so. Ɔtenaa ase no, nʼasuafo no kɔɔ ne nkyɛn. 2 Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn se,

3 "Nhyira ne wɔn a wonim wɔyɛ ahiafo honhom mu,

na wɔn na ɔsoro ahenni wɔn dea.

4 Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahow,

na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekye wɔn werɛ.

5 Nhyira ne ahobrɛasefo,

na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.

6 Nhyira ne wɔn a wɔn ne wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde,

na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn nea ehia wɔn.

7 Nhyira ne wɔn a wohu mmɔbɔ,

na wɔn na Onyankopɔn behu wɔn mmɔbɔ.

8 Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu tew,

na wɔn na wobehu Onyankopɔn.

9 Nhyira ne apatafo,

na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma.

10 Nhyira ne wɔn a esiane wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nti, wɔtaa wɔn,

na wɔn na Ɔsoro Ahenni no wɔn dea.

11 "Nhyira ne mo a me din mu nti, wɔyaw mo, taa mo, twa atoro, ka asɛmmɔne to mo so. 12 Momma mo ani nnye na monsɛpɛw mo ho, efisɛ mowɔ akatua a ɛso ɔsoro. Munhu saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo kan no."

Nkyene Ne Kanea

13 "Mone asase yi so nkyene. nkyene yera a, ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ nkyene bio? Enye mma hwee bio, gye wohwie gu na nnipa tiatia so.

14 "Mone wiase kanea. Kurow a ɛda bepɔw so no ntumi nhintaw. 15 Wɔnnsɔ kanea mfa nsie, na mmom wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ofi no mu no nyinaa. 16 Saa ara na momma mo nneyɛe pa nna adi mma nnipa nhu na wɔafa so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam."

Mmara No Mu Denhyɛ

17 "Munnsusuw maba merebɛsɛe Mmara no anaa Adiyifo no nkyerɛkyerɛ no. Na mmom maba merebɛhyɛ no ma sɛnea ne nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ. 18 Munhu ɔsoro ne asase da so yi, Mmara no mu biribiara rensakra da kosi ne nyinaa bɛba mu. 19 Eyi nti, obiara a obebu mmara nsɛm no mu fa bi so na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso abu mmara nsɛm no mu fa bi so no bɛyɛ akumaa ɔsoro ahenni mu. Na obiara a obedi mmara no so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso adi mmara no so no bɛyɛ ɔkɛse Ɔsoro Ahenni mu. 20 Enti merebɔ mo kɔkɔ , mopɛ mokɔ ɔsoro ahenni mu de a, gye moyɛ Onyankopɔn apɛde sen nea Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ne Farisifo no .

Abufuw Ho Mmara

21 "Mose mmara no ka se, Nea odi awu no, ɔno nso ɛsɛ wokum no bi. 22 Na me de, nea mereka ne , obiara a ne bo befuw ne nua no, wobebu no atɛn. Bio, obiara a ɔbɛyeyaw ne nua no, wɔbɛfrɛ no mpanyin anim. Afei obiara a ɔbɛka akyerɛ ne nua se, Ogyimifono bɛkɔ amanehunu gya mu.

23 "Enti ɛba worekɔbɔ afɔre na wokae wo ne wo nua asɛm a, 24 gyae afɔre no , na na wo ne wo nua no nkɔbɔ mu ansa na woakɔbɔ wʼafɔre no.

25 "wo ne obi nya asɛm a, wo ne no mmɔ mu ntɛm, na wamfa wo ankɔ asennii ankɔma otemmufo, na otemmufo no amfa wo anhyɛ afiasehwɛfo nsa, na afiasehwɛfo no amfa wo ankɔto afiase. 26 Mereka no nokware akyerɛ mo se, ansa na wubefi asennii no, gye woatua sika biara a wɔregye afi wo no.

Aguamammɔ

27 "Mose mmara no ka se, Nsɛe aware. 28 Na me de, nea mereka ne : Obiara a ohu ɔbea na ne kɔn no ne koma mu no, abɔ aguaman. 29 wʼani baako a eye to wo hintidua a, eye wubetu atow akyene. Efisɛ eye wobɛhwere wʼakwaa fa bi sen wɔbɛtow wo nipadua no nyinaa akyene amanehunu gya mu. 30 Saa ara nso na wo nsa a eye to wo hintidua a, eye wubetwa atow akyene. Efisɛ eye wobɛhwere wʼakwaa fa bi sen wɔbɛtow wo nipadua nyinaa akyene amanehunu gya mu.

Awaregyae

31 "Mose mmara no ka se, Obiara a obegyaa ne yere no mma no awaregyae krataa. 32 Na me de, nea mereka ne , ɔbarima bi gyaa ne yere a ɛnyɛ ɔbea no abɔ aguaman na ɔbea no san kɔware bio a, na ɔbarima a ogyaa no no ama ɔbea no asɛe aware. Ɔbarima foforo a ɔbɛware ɔbea no nso asɛe aware saa ara.

Ɔkasa Mu Nokwaredi

33 "Bio, Mose mmara no ka se, Mmu a woahyɛ Onyankopɔn no so, na mmom di a woahyɛ no no so. 34 Na me de, nea mereka ne : Monnka ntam mmfa nhyɛ . Monnnɔ ɔsoro, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahengua. 35 Monnnɔ fam, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn nan ase agua. Monnnɔ Yerusalem, efisɛ ɛyɛ ɔhenkɛse kuropɔn. 36 Mfa wo ti nka ntam, efisɛ worentumi nnan tinwi baako mpo mma ɛnyɛ fitaa anaa tuntum. 37 Momma mo nsɛm nyɛ Yiwanaa Dabi.Asɛm biara a wobɛka a ɛnyɛ Yiw anaa dabi no fi ɔbonsam.

Aweretɔ

38 "Mose mmara no ka se, obi tu wʼani a, tu ne de bi. obi tu wo se nso a, tu ne de bi. 39 Na me de, nea mereka ne se: Mommfa bɔne ntua bɔne so ka! obi wʼaso nifa mu a, dan benkum no nso ma no na ɔmmɔ mu. 40 obi ne wo di asɛm gye wʼatade nhyɛase a, worɔw wʼatade nguguso ka ho ma no. 41 obi hyɛ wo , wo ne no nnantew ɔkwansin baako a, wo ne no nkɔ akwansin abien. 42 obi srɛ wo biribi a, fa ma no; obi ɔfɛm wo biribi a, fa fɛm no.

Wʼatamfo

43 "Moate wɔaka se, wo yɔnko na tan wo tamfo. 44 Na me de, nea mereka ne : monnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔhaw mo. 45 Eyi bɛma moayɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mma, efisɛ ɔma ne owia pue, ma ne osu ma nnipa bɔne ne nnipa pa nyinaa . 46 modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, akatua bɛn na mubenya? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfo nso ? 47 mukyia wɔn a munim wɔn nko ara a, nsonoe bɛn na ɛda mo ne afoforo ntam? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfo nso ? 48 Enti monyɛ sɛnea mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no no.

Veja também