Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 66

Atemmu Ne Anidaso

1 Sɛɛ na Awurade se:

"Ɔsoro mʼahengua,

na asase me nan ntiaso.

Ofi a wubesi ama me no he?

Ɛhe na ɛbɛyɛ me homebea?

2 Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa,

na ɛma ɛbae ana?"

Awurade na ose.

"Obi a mʼani no ni:

nea ɔwɔ ahobrɛase ne ahonu honhom,

na ne ho popo mʼasɛm ho.

3 Nanso obi a ɔde nantwinini afɔre no

saa onipa no ara kum nnipa,

na nea ɔma oguamma no,

saa onipa no ara bu ɔkraman kɔn mu;

nea ɔbɔ aduan afɔre no

saa onipa no ara de prako mogya afɔre,

nea ɔhyew nnuhuam a ɛwɔ din no

saa onipa no ara som ɔbosom.

Wɔafa wɔn ankasa akwan

na wɔn akra ani gye wɔn akyiwade ho;

4 enti me nso mɛpɛ ayayade ayɛ wɔn

na mede nea wosuro bɛba wɔn so.

Efisɛ mefrɛe no, obiara annye so,

mekasae no, obiara antie.

Wɔyɛɛ bɔne mʼani so

na wɔyɛɛ nea mempɛ."

5 Muntie Awurade asɛm,

mo a mote nʼasɛm a mo ho popo:

"Mo nuanom mmarima a wɔtan mo,

na me din nti wotwa mo gyaw no, aka se,

Momma wɔnhyɛ Awurade anuonyam,

na yɛahu mo anigye!

Nanso wɔn anim begu ase.

6 Muntie huuyɛ a efi kuropɔn no mu,

muntie gyegyeegye a efi asɔredan no mu!

Ɛyɛ Awurade nnyigyei

a ɔde retua nʼatamfo ka sɛnea ɛfata wɔn.

7 "Ansa na ɔbea bɛkyem no,

ɔwo;

ansa na ɔbɛte awoyaw no

ɔwo ɔbabarima.

8 Hena na wate biribi sɛɛ ho asɛm pɛn?

Hena na wahu biribi sɛɛ pɛn?

Wobetumi de da koro akyekyere ɔmansin,

anaa ɔman mu, bere sin bi mu ana?

Nanso awo ka Sion ara a

ɔwo ne mma.

9 Mede obi bedu awoko ano a

memma no nwo ana?" Sɛnea Awurade se ni.

"Misiw awotwaa ano

bere a awo adu so ana?" Wo Nyankopɔn na ose.

10 Mo ne Yerusalem ani nnye na munni ahurusi mma no,

mo a modɔ no nyinaa;

mo ne no nsɛpɛw mo ho yiye,

mo a mudi ne ho awerɛhow nyinaa.

11 Mubenum nʼawerɛkyekye nufu

no amee;

mobɛnom aboro so

na mo ani begye nea abu so atra so no ho.

12 Na sɛɛ na Awurade se:

"Mede asomdwoe bɛma no asubɔnten,

ne amanaman no ahonya nso asuten a ayiri.

Mubenum na waturu mo ne basa so

na obegyigye mo agoru nʼanankoroma so.

13 Sɛnea ɛna kyekye ne ba werɛ no

saa ara na mɛkyekye mo werɛ;

na mubenya awerɛkyekye Yerusalem."

14 muhu eyi a, mo koma ani begye

na mobɛyɛ frɔmfrɔm sare;

wobehu Awurade nsa ne nkoa so,

nanso wobehu nʼabufuwhyew nʼatamfo so.

15 Hwɛ, Awurade de ogya reba,

na ne nteaseɛnam te mfɛtɛ;

ɔde nʼabufuw bɛba anibere so,

na ɔde gyaframa ayɛ nʼanimka.

16 Ogya ne nʼafoa,

na Awurade de bebu nnipa nyinaa atɛn,

na wɔn a wɔbɛtotɔ Awurade nsa ano bɛyɛ bebree.

17 "Wɔn a wɔtew wɔn ho na wodwira wɔn ho de nturo mu, na wodi ɔbaako a ɔfra wɔn a wɔwe mprakonam ne akisi ne nneɛma a ɛyɛ akyiwade akyi no, wɔbɛbɔ mu ahu wɔn awiei," sɛnea Awurade se ni.

18 "Esiane wɔn nneyɛe ne wɔn nsusuwii nti, Me, mereba abɛboaboa amanaman ne ɔkasa ahorow ano, na wɔbɛba abehu mʼanuonyam.

19 "Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnne bi wɔn mu, na mede nkae no mu bi bɛkɔ amanaman no mu: Tarsis, Libiafo ne Lidiafo (wɔn a wɔagye din agyantow mu), Tubal ne Helafo, ne asupɔw a ɛwɔ akyirikyiri a wɔntee me din a ahyeta na wonhuu mʼanuonyam no. Wɔbɛpae mu aka mʼanuonyam amanaman mu. 20 Na wɔde mo nuabarimanom nyinaa befi amanaman nyinaa so bɛba me bepɔw kronkron a ɛwɔ Yerusalem no so , afɔrebɔde ama Awurade. Wɔtete apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfurumpɔnkɔ ne yoma so bɛba," sɛɛ na Awurade se. "Wɔde wɔn bɛba sɛnea Israelfo de wɔn aduan afɔre Awurade asɔredan mu, afahyɛ nkuruwa a ho tew mu. 21 Na meyi wɔn mu bi ayɛ asɔfo ne Lewifo," Awurade, na ose!

22 "Sɛnea ɔsorosoro foforo ne asase foforo bɛtena no, saa ara na mo din ne mo asefo bɛtena ," sɛnea Awurade se ni. 23 "Efi Ɔsram Foforo baako kɔpem foforo, efi Homeda baako kosi foforo no, adesamma nyinaa bɛba abɛkotow me," sɛnea Awurade se ni. 24 "Na wobefi adi akohu wɔn a wɔtew atua tiaa me no afunu; wɔn asunson renwu, na wɔn gya nso rennum, na wɔn ho bɛyɛ adesamma nyinaa nwini."

Veja também