5 Yesu kɔɔ Kapernaum. Oduu hɔ no, Roma asraafo ɔha so panyin bi baa ne kyɛn bebuu no nkotodwe kae se, 6 "Awurade, mʼabofra abubu gu hɔ a ɔrehu amane; mesrɛ wo, bɛsa no yare ma me."
7 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Mɛba abɛsa no yare."
8 Asraafo ha so panyin no tee Yesu asɛm a ɔkae no, ɔkae se, "Awurade, memfata sɛ woba me fi. Ka biribi na mʼabofra no ho bɛyɛ no den. 9 Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, na mesan wɔ asraafo a wɔhyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na mehyɛ me somfo sɛ ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara ne no."
10 Yesu tee saa asɛm no, ɛyɛɛ no nwonwa. Ɔdan nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wodi nʼakyi no se, "Israelman mu nyinaa, minhuu gyidi a ɛte sɛɛ da. 11 Na mereka akyerɛ mo se, nnipa pii befi apuei ne atɔe aba na wɔne Abraham, Isak ne Yakob abɛtena ase wɔ ɔsoro Ahenni no mu. 12 Na Israelfo a wosiesiee ɔsoro ahenni maa wɔn no mu pii wɔ hɔ a wɔde wɔn nsa begu wɔn ti atwa agyaadwo na wɔatow wɔn agu sum kabii mu ama ɔyaw."
13 Yesu ka kyerɛɛ asraafo so panyin no se, "Kɔ fie. Nea wugye di no mmra mu saa mma wo!" Abofra no ho tɔɔ no saa bere no ara mu!