Ɔbea Bi Ayaresa Ne Ababaa Bi Wunyan
18 Yesu gu so rekasa no, Yudafo panyin bi ba bɛkotow, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛ too Yesu anim se, "Me babea awu mprempren ara. Minim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, obenyan." 19 Yesu ne nʼasuafo no ne ɔpanyin no sii mu sɛ wɔrekɔ ɔpanyin no fi.
20 Wɔrekɔ no, ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien faa nʼakyi, soo nʼatade ano. 21 Ɔkaa wɔ ne tirim se, "Sɛ mede me nsa ka no nko ara a, me ho bɛyɛ me den."
22 Yesu dan nʼani ka kyerɛɛ no se, "Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam. Wo gyidi agye wo. Wo ho atɔ wo." Efi saa bere no mu no, ne ho tɔɔ no.
23 Yesu duu ɔpanyin no fi hɔ a ohuu sɛ nkurɔfo no bi resu na ebinom reto ayiase nnwom no, 24 ɔkae se, "Obiara mfi adi. Ababaa no nwui. Wada!" Yesu asɛm a ɔkae yi maa nnipa no serew no. 25 Nnipa no nyinaa fii adi no, Yesu kɔɔ faako a ababaa no da hɔ no. Osoo ne nsa. Prɛko pɛ, ababaa no nyanee. 26 Saa anwonwade a Yesu yɛe yi trɛw wɔ mpɔtam hɔ nyinaa.