Pular para o conteúdo
Publicidade

Neemias 1

4 Bere a metee eyinom no, metenaa ase sui. Nokware, mitwaa agyaadwo nna bi, bua dae, bɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae. 5 Afei, mekae se,

"Awurade, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn a ɔyɛ ɔkɛse na ɔyɛ ɔnwonwani no, Onyankopɔn a ɔkora ne nokware apam a ɔwɔ ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara nsɛm so no, 6 tie me mpaebɔ. Hwɛ me merebɔ mpae ma Israelfo anadwo ne awia. Mepae mu ka se, yɛayɛ bɔne atia wo. Yiw, mpo, me ara me fifo ne mʼankasa ayɛ bɔne! 7 Yɛayɛ bɔne kɛse yɛanni wo mmara nsɛm, wo mmara, ne wʼahyɛde a wonam wʼakoa Mose so de maa yɛn no so.

8 "Mesrɛ , kae asɛm a woka kyerɛɛ wʼakoa Mose se, moyɛ bɔne a, mɛtetew mo mu akɔ amanaman so. 9 Na mosan ba me nkyɛn, na mudi me mmara nsɛm so a, mpo, wɔatwa mo asu akɔ asase ano nohɔ koraa a, mede mo bɛsan aba faako a mayi asi wɔnhyɛ me din anuonyam no.’ 

10 "Yɛyɛ wʼasomfo, nnipa a wonam wo tumi kɛse so gyee yɛn no. 11 Awurade, mesrɛ wo, tie me mpaebɔ. Tie yɛn mu bi a wɔn ani gye wɔhyɛ wo anuonyam no mpaebɔ. Mesrɛ , ma ensi me yiye, bere a merekɔ ɔhene nkyɛn akɔsrɛ no adom bi yi. Fa hyɛ ne koma mu, na ɔnyɛ me adɔe."

Na meyɛ ɔhene nsahyɛni.

Veja também