Pular para o conteúdo
Publicidade

Neemias 2

Nehemia Kɔhwɛ Yerusalem Ɔfasu No

11 Miduu Yerusalem nnansa akyi no, 12 mefaa nnipa kakraa bi kaa me ho, fii anadwo no. Manka nhyehyɛe a Onyankopɔn de ahyɛ me koma mu Yerusalem ho no ankyerɛ obiara. Yɛamfa mmoa biara anka yɛn ho afurum a mete ne so no nko.

13 Mefaa Obon Pon no ano, twaa Ɔwɔ Abura no ho kosii Sumina Pon2.13 Sumina Pon no mu na na Yudafo de mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔre no fa kɔ Ben-Heinnom subon mu (3.13-14; 2 Ah 23.10). no ano, kɔhwɛɛ afasu ne apon a ahyew no. 14 Afei, mefaa Asuti Pon no ho kosii Ɔhene Abura no ho, nanso na ɔkwan turodoo nni ma mʼafurum no. 15 Enti mefaa Kidron Bon no ho mmom, kɔhwɛɛ ɔfasu no ansa na meresan abɛfa Obon Pon no mu bio. 16 Na kuropɔn no mu mpanyimfo nnim makɔ , na wonnim nea mereyɛ nso, efisɛ na menkaa asɛm biara a ɛfa mʼadwene a mayɛ ho nkyerɛɛ obiara ɛ. Na me ne asɔre mpanyimfo, amanyɛ ntuanofo, adwumayɛfo anaa mmapɔmma no mu biara nkasaa ɛ.

Veja também