Pular para o conteúdo
Publicidade

Neemias 4

Atamfo Tia Nsiesie No

1 Bere a Sanbalat tee yɛreto ɔfasu no, ne bo fuw yiye. Nʼani beree yiye, dii Yudafo no ho fɛw, 2 ne nnamfonom ne Samaria asraafo mpanyimfo anim se, "Dɛn na Yudafo ahiafo, mmɔborɔfokuw yi dwene wɔreyɛ? Wogye di , wɔbɔ afɔre dɛn koraa a, wobetumi de da koro ato ɔfasu yi ana? Monhwɛ abo a ahyew asɛe yi a wɔreyiyi afi afabo yi mu de ayɛ adwuma bio?"

3 Na Amonni Tobia a na ogyina ne nkyɛn kae se, "Saa abo fasu yi de, sakraman koraa fa so a, ebedwiriw agu fam!"

4 Na mebɔɔ mpae se, "Yɛn Nyankopɔn, tie yɛn, na wɔredi yɛn ho fɛw. Ma wɔn fɛwdi no mmɔ wɔn ara wɔn ti so, na ma wɔn ankasa nkɔyɛ nnommum ananafo asase so. 5 Mmu wʼani ngu wɔn afɔdi so. Mpepa wɔn bɔne, efisɛ wɔahyɛ wo abufuw adansifo yi anim."

6 Eyi nyinaa akyi no, wɔtoo ɔfasu no kosii dedaw no sorokɔ fa twaa kurow no ho hyiae, efisɛ ɔmanfo no yɛɛ adwumaden.

Veja também