Pular para o conteúdo
Publicidade

Provérbios 1

Botae Ne Nsɛmpɔw

1 Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmebusɛm ni:

2 Ne botae ne ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛso;

ne ɛbɛboa ama wɔate nsɛm a emu ase;

3 wobenya akwankyerɛ abrabɔ pa mu,

a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, nea ɛteɛ na ho nni asɛm;

4 ɛbɛma nea nʼadwene mu nnɔ anya nyansa

na mmabun anya nimdeɛ ne adwene,

5 anyansafo ntie na wɔmfa nka nea wonim ho,

na nea ɔwɔ nhumu nya akwankyerɛ a

6 ɛbɛma wate mmɛ ne kasammebu,

anyansafo nsɛnka ne abisaa ase.

7 Awurade suro nimdeɛ mfiase,

na nkwaseafo bu nyansa ne ahohyɛso animtiaa.

Nnaadaa Ho Kɔkɔbɔ

8 Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ

na mpo wo na nkyerɛkyerɛ.

9 Ɛbɛyɛ wo ti anuonyam abotiri

ne wo kɔn mu atweaban.

10 Me ba, nnebɔneyɛfo twetwe wo a,

mma wɔn ho kwan.

11 wɔka se, "Bra ma yɛnkɔ;

ma yɛnkɔtetɛw na yenkum obi,

ma yɛnkɔtɛw ntwɛn mmɔborɔni bi;

12 ma yɛmmemene wɔn anikann ɔda,

koraa, te wɔn a wɔkɔ ɔda mu;

13 yebenya nneɛma a ɛsom bo ahorow

na yɛde asade ahyɛ yɛn afi ma;

14 fa wo ho bɛhyɛ mu,

na wubenya wo kyɛfa ahonyade no mu."

15 Me ba, wo ne wɔn nnantew,

mfa wo nan nsi wɔn akwan so;

16 Wɔn anan de ntɛmpɛ bɔne mu,

na wɔde ahoɔhare ka mogya gu.

17 So nni mfaso obi besum nnomaafiri

beae a anomaa biara hu!

18 Saa nnipa yi tetɛw wɔn ankasa mogya;

wɔtetɛw wɔn ankasa wɔn ho!

19 Saa na wɔn a wodi akorɔnne akyi no awiei te;

ɛma wɔhwere wɔn nkwa!

Nyansa A Wɔpo Ho Kɔkɔbɔ

20 Nyansa teɛ mu mmɔnten so,

ɔma ne nne so aguabɔbea,

21 ɔteɛ mu afasu no atifi,

ɔkasa kuropɔn no apon ano se,

22 "Mo adwenharefo, mobɛyɛ adwenhare akosi da bɛn?

Fɛwdifo bedi fɛw akosi da bɛn?

Nkwaseafo bekyi nimdeɛ akosi da bɛn?

23 mutiee mʼanimka a,

anka mekaa me koma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ mo

ma muhuu me nsusuwii.

24 Nanso muyii mo aso, bere a mefrɛɛ mo

na amfa obiara ho, bere a meteɛɛ me nsa mu,

25 mopoo mʼafotu,

na moampɛ mʼanimka nti,

26 me nso mɛserew mo mo amanehunu mu;

abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so a, midi mo ho fɛw,

27 abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so te ahum,

na amanehunu bi fa mo so mfɛtɛ,

na awerɛhow ne ɔhaw mene mo a,

28 "Afei wɔbɛfrɛ me, nanso meremmua;

wɔbɛhwehwɛ me, nanso wɔrenhu me.

29 Esiane wokyii nimdeɛ

na wɔampɛ wobesuro Awurade,

30 wɔpoo mʼafotu,

na wobuu me nteɛso animtiaa nti,

31 wobedi wɔn akwan so aba;

na wɔn nhyehyɛe mu aduan bɛmee wɔn.

32 Na ntetekwaafo asoɔden bekum wɔn,

na nkwaseafo tirimudɛ bɛsɛe wɔn;

33 Nanso obiara a obetie me no, ɔbɛtena ase asomdwoe mu

na ne ho bɛtɔ no a ɔrensuro ɔhaw biara."

Veja também