Pular para o conteúdo
Publicidade

Provérbios 25

Salomo Mmebusɛm Nkekaho

1 Eyinom Salomo mmebusɛm nkekaho a Yudahene Hesekia afotufo kyerɛwee:

2 Ɛyɛ Onyankopɔn anuonyamhyɛ wɔde asɛm sie;

wɔpɛɛpɛɛ asɛm mu nso hyɛ ahemfo anuonyam.

3 Sɛnea ɔsoro korɔn na asase mu no,

saa ara na wɔrentumi nhwehwɛ ahemfo koma mu.

4 woyi dwetɛ ho fi a,

na ato nea ɛkɔ dwetɛdwumfo nsam;

5 Yi amumɔyɛfo fi ɔhene anim,

na trenee bɛma nʼahengua atim.

6 Mma wo ho so ɔhene anim,

na mpere dibea atitiriw mu;

7 Eye ma no ɔbɛka akyerɛ wo se, "Bra soro ha,"

sen ɔbɛbrɛ wo ase otitiriw bi anim.

Nea wode wʼani ahu no

8 mpɛ ntɛm mfa nkɔ asennii,

na awiei no wo yɔnko gu wʼanim ase a

dɛn na wobɛyɛ?

9 wo ne wo yɔnko di asɛm a

nna obi foforo ahintasɛm adi,

10 anyɛ saa a, nea ɔbɛte no begu wʼanim ase

na din bɔne a wubenya no rempepa da.

11 Asɛm a wɔka no sɛnea ɛfata no

te sika kɔkɔɔ a wɔabɔ aprɛ

de atuatua dwetɛ nsiesiei mu.

12 Sikakɔkɔɔ asokaa anaa sikakɔkɔɔ ankasa ahyehyɛde

te onyansafo animka a ɔde ma nea ɔyɛ aso ma no.

13 Sɛnea sukyerɛmma ma wim dwo otwabere mu no,

saa ara na ɔsomafo nokwafo te ma wɔn a wɔsoma no no;

na ɔma ne wuranom akomatɔyam.

14 Omununkum ne mframa a ɛmfa osu mma no

te onipa a ɔde akyɛde a ɔmmfa mma hoahoa ne ho.

15 Ntoboase ma sodifo ti da,

na tɛkrɛmabere tumi bu dompe mu.

16 wunya ɛwo a, nni ntra so,

ne bebrebe bɛma woafe.

17 Ntaa nkɔ wo yɔnko fi,

wo ho fono no a, ɔbɛtan wo.

18 Onipa a odi adansekurum tia ne yɔnko no

te kontibaa, afoa anaa bɛmma a ano nnam.

19 Ɛse a ɛyare ɔkekaw anaa nan a ɛyɛ apakye

te nea wode wo ho to ɔtorofo so hiada mu.

20 Nea ɔto dwom kyerɛ ɔwerɛhowni no,

te nea ɔpa ntama gu awɔwbere mu

anaa te nsa nyinyanyinya a wohwie gu apirakuru so.

21 ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan nni;

osukɔm de no a, ma no nsu nnom.

22 woyɛ saa a, wobɛsosɔ nnyansramma agu nʼatifi,

na Awurade bɛma wo akatua.

23 Sɛnea atifi fam mframa de osu ba no,

saa ara na tɛkrɛma a edi nseku de omuna ba.

24 Eye wobɛtena suhyɛ twɔtwɔw ase baabi,

sen wo ne ɔyere tɔkwapɛfo bɛtena fie.

25 Nsuonwini a ɔkra a atɔ beraw nya no

te anigyesɛm a efi akyirikyiri.

26 Asuti a afono anaa abura a ayɛ pɔtɔɔ

te ɔtreneeni a ogyaa ne ho ma amumɔyɛfo.

27 Enye wodi ɛwo ntraso,

saa ara na ɛnyɛ anuonyam obi bɛhwehwɛ nsɛm a mu mu.

28 Onipa a onni ahohyɛso no

te kuropɔn a nʼafasu abubu agu fam.

Veja também