18 Nhyira nka wʼasubura
na wʼani nnye wo mmrantebere mu yere ho.
19 Ɔte sɛ ɔtwe bere dɔfo, ɔwansan nuonyamfo;
ma ne nufu nsɔ wʼani daa
na ne dɔ nkyekyere wo.
20 Me ba, adɛn nti na woma ɔbea aguaman kyekyere wo?
Adɛn nti na woda ɔbarima foforo bi yere kokom?