Pular para o conteúdo
Publicidade

Provérbios 5

3 Efisɛ ɔbea aguaman ano sosɔ ɛwo,

na ne kasa fɔmm sen ngo;

4 nanso awiei no, ɛyɛ nwen sen bɔnwoma,

ɛyɛ nam afoa anofanu.

5 Nʼanan owu mu;

nʼanammɔntutu ɔda mu tee.

6 Onsusuw ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu ho;

nʼakwan kɔntɔnkye, nanso onnim.

7 Enti afei, me mma, muntie me;

Monntwe mo ho mmfi nea meka ho.

8 Ɔkwan a ɛmmɛn no no na momfa so;

mommmɛn ne fi pon ano,

9 anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforo

na mode mo mfe ama otirimɔdenfo,

Veja também