Awiei
33 Ao Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a mu dɔ!
Hena na obetumi ahu nʼatemmu mu pɛɛpɛe,
na wahu nea nʼakwan nenam.
34 "Hena na onim Awurade adwene
anaasɛ hena na ɔyɛ ne fotufo?"
35 "Hena na wama Onyankopɔn biribi kan
a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn tua no so ka?"
36 Efisɛ ade nyinaa fi ne mu na ɛba, na ɛnam ne so na ɛba, na ɛbɛsan akɔ ne nkyɛn bio.
Ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.