Awieeɛ
33 Ao Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ!
Hwan na ɔbɛtumi ahunu nʼatemmuo mu pɛɛpɛeɛ,
na wɔahunu deɛ nʼakwan nenam.
34 "Hwan na ɔnim Awurade adwene
anaasɛ hwan na ɔyɛ ne fotufoɔ?"
35 "Hwan na wama Onyankopɔn biribi kane
a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn tua no so ka?"
36 Ɛfiri sɛ, adeɛ nyinaa firi ne mu na ɛba, na ɛnam ne so na ɛba, na ɛbɛsane akɔ ne nkyɛn bio.
Ɔno na animuonyam wɔ no daa daa. Amen.