17 Mommfa bɔne ntua bɔne biara so ka. Monyɛ nea ɛbɛma nnipa de nidi ama mo. 18 Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne obiara ntena asomdwoe mu. 19 Monntɔ were me nnamfonom, na mmom momma Onyankopɔn abufuw ho kwan efisɛ wɔakyerɛw se, "Me na aweretɔ wɔ me, metua ka," Awurade na ose. 20 Nanso,
"Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan nni;
sɛ osukɔm de no a, ma no nsu nnom.
Na sɛ woyɛ saa a, woboaboa nnyansramma ano gu nʼatifi."
21 Mommma bɔne nni mo so. Mmom, momfa papa nni bɔne so.