Pular para o conteúdo
Publicidade

Romafoɔ 12:17-21

WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

17 Mommfa bɔne ntua bɔne biara so ka. Monyɛ deɛ ɛbɛma nnipa de anidie ama mo. 18 Sɛ ɛbɛtumi a, mo fam deɛ, mo ne obiara ntena asomdwoeɛ mu. 19 Monntɔ wereɛ me nnamfonom, na mmom momma Onyankopɔn abufuo ho ɛkwan ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ, "Me na aweretɔ wɔ me, mɛtua ka," Awurade na ɔseɛ. 20 Enti,

"Sɛ ɛkɔm de wo ɔtamfoɔ a, ma no aduane nni;

sɛ osukɔm de no a, ma no nsuo nnom.

Na sɛ woyɛ saa a, woboaboa gyasramma ano gu nʼatifi."

21 Mommma bɔne nni mo so. Mmom, momfa papa nni bɔne so.

Em outras traduções

  1. WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

    17 Mommfa bɔne ntua bɔne biara so ka. Monyɛ nea ɛbɛma nnipa de nidi ama mo. 18 Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne obiara ntena asomdwoe mu. 19 Monntɔ were me nnamfonom, na mmom momma Onyankopɔn abufuw ho kwan efisɛ wɔakyerɛw se, "Me na aweretɔ wɔ me, metua ka," Awurade na ose. 20 Nanso,

    "Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan nni;

    sɛ osukɔm de no a, ma no nsu nnom.

    Na sɛ woyɛ saa a, woboaboa nnyansramma ano gu nʼatifi."

    21 Mommma bɔne nni mo so. Mmom, momfa papa nni bɔne so.

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.