Pular para o conteúdo
Publicidade

Romanos 13

Momfa Nidi Mma Tumi

1 Ɛsɛ obiara brɛ ne ho ase ma tumi a ɛwɔ ɔman no mu, efisɛ tumi biara nni a emfi Onyankopɔn mu. Tumi biara a ɛwɔ no fi Onyankopɔn. 2 Obiara a ɔne tumi a ɛwɔ no di asi no tia nea Onyankopɔn ahyehyɛ. Na obiara a ɔbɛyɛ saa no de atemmu ba nʼankasa so. 3 Wɔn a wɔyɛ papa no nsuro atumfo, na mmom wɔn a wɔyɛ amumɔyɛ no na wosuro atumfo. Wopɛ woyɛ obi a onsuro nea tumi ne nsam ana? Ɛno de, nea ɛteɛ na ɔbɛkamfo wo. 4 Efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn somfo a wo yiyedi mu nti na ɔyɛ adwuma. Na woyɛ bɔne a, suro no efisɛ ne tumi a ɔde twe aso no da fann. Ɔyɛ Onyankopɔn somfo, enti ɔnam Onyankopɔn abufuw so twe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso. 5 Esiane saa nti, ɛsɛ wobrɛ wo ho ase ma tumi, a ɛnyɛ Onyankopɔn abufuw no nti, na mmom, esiane nim a wunim ɛsɛ woyɛ no nti.

6 Eyi nti na ɛsɛ wutua tow, efisɛ atumfo no wɔn adwuma a, wɔyɛ ma Onyankopɔn. 7 Enti tua ka a wode wɔn; tua ka a wode; ɛyɛ wo honam mu ka anaasɛ ɛyɛ agyapade ho ka, na fa obu ne nidi ma wɔn nyinaa.

Asɛde

8 Nne obiara ka. Ka a ɛsɛ wode ara ne wobɛdɔ afoforo. Obiara a ɔdɔ ne yɔnko nnipa no adi mmara no so. 9 Mmaransɛm a ɛka se, "Nsɛe aware, nni awu, mmɔ korɔn, mma wʼani mmere ade," eyinom ne nea ɛkeka ho nyinaa tiaatwa ara ne , "wo yɔnko wo ho." 10 Obiara a ɔdɔ ne yɔnko no nyɛ no bɔne. wodɔ wo yɔnko a, na ɛkyerɛ woadi mmara no nyinaa so.

11 Ɛsɛ woyɛ eyi, efisɛ wunim dɔn ko a yɛwɔ mu. Bere adu wosɔre fi wo nna mu. Efisɛ bere a ɛsɛ wogye yɛn nkwa no abɛn sen bere a yegye dii kan no. 12 Adesae retwa mu, na adekyee reyɛ abɛn yɛn. Enti, momma yennyae nneɛma a ɛyɛ sum de no , na momfa akode a wɔde ko hann mu no. 13 Momma yɛmmɔ yɛn bra yiye te nnipa a wɔte hann no mu a agobɔne anaa nsabow, aguamammɔ anaa ahohwi, ɔko anaa anibere nni mu. 14 Momma Awurade Yesu Kristo mmɛn mo te ntama a mufura, na morempɛ mobɛyɛ nea ɔhonam .

Veja também