Pular para o conteúdo
Publicidade

Atemmufo 12

Efraim Ne Yefta Ko

1 Efraim abusuakuw no boaboaa asraafo ano twa kɔɔ Safon. Wɔde nkra yi kɔmaa Yefta: "Adɛn nti na woansoma ammɛka ankyerɛ yɛn yɛmmɛboa mo nko ntia Amonfo? Yɛrebɛhyew wo ne wo fi nyinaa pasaa!"

2 Yefta buae se, "Mansotwe no mfiase no, mefrɛɛ mo, nanso moamma. Moammɛboa annye me Amonfo nsam. 3 Mede me nkwa too me nsam kɔkoe a monnka ho, nanso Awurade ma midii Amonfo so nkonim. Na adɛn nti na afei woaba wo ne me rebɛko?"

4 Efraimfo ntuanofo no buae se, "Gileadfo nyɛ nnipa biara aguanfo a wofi Efraim ne Manase." Enti Yefta frɛɛ nʼakofo; wɔtow hyɛɛ Efraimfo so, dii wɔn so nkonim.

5 Yefta ko faa Yordan aworoe so. Bere biara a oguanfo bi a ofi Efraim ɔfa guan nʼakyi no, Gileadfo no bisa no se, "Wufi Efraim abusua mu ana?" ɔbarima no bua se, "Dabi" a, 6 wɔka kyerɛ no se, ɔnka "Sibolet." ofi Efraim a, ɔka, "Sibolet," Efisɛ nnipa a wofi Efraim no ntumi nka saa asɛm no yiye. ɛba saa a, na wɔakyere no akokum no Asubɔnten Yordan aworoe so . Enti Efraimfo mpem aduanan abien na wokunkum wɔn saa bere no.

7 Yefta yɛɛ Israel so temmufo mfe asia. Owui no, wosiee no Gilead nkurow no baako so.

Ibsan Bɛyɛ Israel So Temmufo

8 Yefta akyi no, Ibsan na ɔbɛyɛɛ otemmufo Israel. Ɔtenaa Betlehem. 9 Na ɔwɔ mmabarima aduasa ne mmabea nso aduasa. Ɔmaa ne mmabea no wareware fii mmusua foforo mu. Ne mmabarima no de, ɔfaa mmabun aduasa fii mmusua foforo mu ma wɔbɛwarewaree wɔn. Ibsan buu Israel atɛn mfe ason. 10 Owui no, wosiee no Betlehem.

Elon Bɛyɛ Israel So Temmufo

11 Ibsan akyi no, Elon a ofi Sebulon na ɔbɛyɛɛ otemmufo Israel. Obuu Israel atɛn mfe du. 12 Bere a owui no, wosiee no Ayalon, Sebulon asase so.

Abdon Bɛyɛ Israel So Temmufo

13 Elon wu akyi no, Hilel babarima Abdon a ofi Piraton na ɔbɛyɛɛ otemmufo Israel. 14 Onyaa mmabarima aduanan ne nananom aduasa a na wɔn mu biara tena mfurum so. Ɔyɛɛ otemmufo Israel mfe awotwe. 15 Owu ma wosiee no Piraton Efraim asase a ɛwɔ Amalekfo bepɔw asase no so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também