Pular para o conteúdo
Publicidade

Atemmufo 18

Dan Abusuakuw Mu Ahonisom

1 Saa bere no mu na Israel nni ɔhene. Na Dan abusuakuw rehwehwɛ baabi atena, efisɛ na wontumi mpam nnipa a wɔte asase a wɔde maa wɔn no so. 2 Enti mmarima a wofi Dan abusuakuw yii akofo baanum a na wɔte Sora ne Estaol wɔnkɔhwehwɛ asase a wobetumi atena so.

Bere a saa akofo yi duu Efraim bepɔw asase so no, wɔkɔɔ Mika fi kɔdaa anadwo no. 3 Wotiee Lewini aberante no sɛnea na ɔrekasa no, wɔde no kɔɔ nkyɛn bisaa no se, "Hena na ɔde wo baa ha na dɛn na woreyɛ? Na adɛn nti na wowɔ ha?" 4 Ɔkaa nhyehyɛe a ɔne Mika ayɛ kyerɛɛ wɔn na ɔkyerɛɛ mu , ɔyɛ ɔsɔfo ma Mika.

5 Na wɔkae se, "Bisa Awurade ma yɛn yɛn akwantu yi besi yiye anaasɛ ɛrensi yiye."

6 Ɔsɔfo no kae se, "Monkɔ no asomdwoe mu, efisɛ, Awurade bedi mo anim mo akwantu no mu."

7 Na mmarima baanum no kɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Lais mu. Wohuu nnipa a hwee mfa wɔn ho te Sidonfo na wɔte . Na wɔwɔ asomdwoe ne bammɔ. Na nnipa no sika, efisɛ na wɔn asase no asase bere. Na wɔne Sidon ntam twe yiye, na wɔne obiara nni twaka.

8 Bere a wɔsan kɔɔ Sora ne Estaol no, wɔn nuanom bisaa wɔn se, "Dɛn na muhui?"

9 Na wobuae se, "Momma yɛnkɔtow nhyɛ wɔn so! Yɛahu asase no na eye pa ara. Monntwentwɛn mo anan ase koraa, monkɔfa asase no. 10 mudu a, mubehu nnipa a hwee mfa wɔn ho . Onyankopɔn ama yɛn asase bere yantamm a biribiara so."

11 Enti akofo ahansia a wofi Dan abusuakuw mu sii mu fii Sora ne Estaol. 12 Wɔkyeree nsraban beae bi a ɛwɔ Kiriat-Yearim atɔe fam Yuda asase so. Wɔfrɛ Mahane Dan besi nnɛ. 13 Wofi no, wɔkɔɔ Efraim bepɔw asase no so, baa Mika fi.

14 Enti mmarima baanum a wɔkɔsraa Lais asase no ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no se, "Nsɔree so bi ha a asɔfotade kronkron, abusua ahoni, ne ohoni a wɔagu ho . Munim nea ɛsɛ yɛyɛ." 15 Enti mmarima baanum no kɔɔ Mika fi, faako a Lewini aberante no te na wokyiaa no fɛw so. 16 Saa bere no na akofo ahansia a wofi Dan abusuakuw mu no gyinagyina abɔntenpon no ano pɛɛ, 17 na akwansrafo baanum no kɔɔ nsɔree so , kɔfaa ohoni, asɔfotade kronkron, ne abusua ahoni no.

18 Bere a ɔsɔfo no huu mmarima no retwe akronkronne no afi Mika nsɔree so no, obisaa wɔn se, "Dɛn na moreyɛ yi?"

19 Wobuaa no se, "Mua wʼano! Di yɛn akyi na bɛyɛ yɛn nyinaa agya ne yɛn sɔfo. Wunnye nni eye wobɛyɛ Israel abusuakuw bi sɔfo sen wobɛyɛ onipa baako fi mu sɔfo?" 20 Ɔsɔfo aberante no ani gyei ɔne wɔn bɛkɔ. Enti ɔfaa asɔfotade kronkron no, abusua ahoni ne ohoni a wɔagu no. 21 Wosii mu bio de wɔn mma, nyɛmmoa ne wɔn agyapade, dii wɔn anim.

22 Bere a Dan abusuakuw mu nnipa no afi Mika fi akyirikyiri no, Mika ne nʼafipamfo mu bi tiw wɔn. 23 Wɔbɛn wɔn no wɔteɛteɛɛ mu. Na Dan mmarima no dan wɔn ani kae se, "Dɛn na morehwehwɛ? Adɛn nti na woafrɛ nnipa yi aboa ano na moretaa yɛn sɛɛ?"

24 Mika buae se, "Wubisa dɛn na worehwehwɛ a na wokyerɛ dɛn? Moafa mʼanyame nyinaa ne me sɔfo, na minni hwee bio!"

25 Dan mmarima no buae se, "Hwɛ nea woreka no yiye! Yɛn mu bi bo nkyɛ fuw, anhwɛ a wɔn bo befuw na wɔakum wo ne wʼabusuafo." 26 Enti Dan mmarima no toaa so kɔɔ wɔn kwan. Mika huu nnipa no dɔɔso a enti ontumi ntow nhyɛ wɔn so no, ɔdan ne ho kɔɔ fie.

27 Dan mmarima faa Mika ahoni ne ne sɔfo no de wɔn baa kurow Lais a emu nnipa asomdwoe ne bammɔ no mu. Wɔtow hyɛɛ emu nnipa no so, kunkum wɔn nyinaa, hyew kurow no dwerɛbee. 28 Na obiara nni a obegye kurow no mufo, efisɛ na nea wɔte no ne Sidon mu twe na wonni adɔfo a wɔbɛn nso. Saa asɛm yi sii obon a ɛbɛn Bet-Rehob no mu.

Afei, Dan abusuakuw no mma san kyekyeree kurow no, na wɔtenaa . 29 Wɔde kurow no too Dan a ɔyɛ wɔn tete agya Israel no ba, na kan no wɔfrɛ Lais.

30 Afei, wogyinaa ohoni a wɔagu no na wɔfaa Gersom babarima Yonatan a ɔyɛ Mose aseni wɔn sɔfo. Saa ofi yi mu nnipa kɔɔ so yɛɛ asɔfo maa Dan abusuakuw kosii Otukɔ bere. 31 Enti Dan abusuakuw no toaa so som ohoni a ɛyɛ Mika dea no bere tenten a na Onyankopɔn Ahyiae Ntamadan no Silo.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também