Pular para o conteúdo
Publicidade

Atemmufo 10

Tola Bɛyɛ Israel So Temmufo

1 Abimelek wu akyi no, Pua a ɔyɛ Dodo aseni no babarima Tola ba begyee Israel. Na ofi Isakar abusuakuw mu, nanso ɔtenaa Samir a ɛwɔ Efraim bepɔw asase no so. 2 Ɔyɛɛ Israel so temmufo mfe aduonu abiɛsa. Owui no, wosiee no Samir.

Yair Bɛyɛ Israel So Temmufo

3 Tola wu akyi no, Yair a ofi Gilead bɛyɛɛ Israel so temmufo mfe aduonu abien. 4 Na ne mmabarima aduasa tena wɔn mfurum so kyinkyin, na wodi nkurow aduasa so Gilead asase so, a ebesi nnɛ wɔfrɛ Yair Nkurow. 5 Yair wui na wosiee no Kamon.

Amonfo Hyɛ Israelfo So

6 Bio, Israelfo yɛɛ Awurade ani so bɔne. Wɔsom Baal ne Astoret ahoni ne Aram, Sidon, Moab, Amon ne Filisti anyame. Wɔtwee wɔn ho fii Awurade ho a wɔansom no koraa. 7 Enti Awurade bo fuw Israelfo, na ɔde wɔn hyɛɛ Filistifo ne Amorifo nsa, 8 na wofii ase hyɛɛ wɔn so saa afe no. Wɔhyɛɛ Israelfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam Amorifo (Gilead) asase no so mfe dunwɔtwe. 9 Amorifo no nso twaa Yordan kɔɔ atɔe fam kɔtow hyɛɛ Yuda, Benyamin ne Efraim so, Israelfo kɔɔ ahokyere kɛse mu. 10 Afei Israelfo su frɛɛ Awurade se, "Yɛayɛ bɔne atia wo, efisɛ yɛatwe yɛn ho afi yɛn Nyankopɔn ho na yɛasom Baal ahoni."

11 Awurade buae se, "Mannye mo amfi Misraimfo, Amorifo, Amonfo, Filistifo, 12 Sidonfo, Amalekfo ne Maonfo nsam? Bere a wɔhyɛɛ mo so no, musu frɛɛ me na migyee mo. 13 Nanso moagyaw me akɔsom anyame foforo. Ɛno nti, merennye mo bio. 14 Munkosu nkyerɛ anyame a moafa wɔn no. Momma wonnye mo bere a morehu amane yi."

15 Nanso Israelfo no kɔɔ so srɛɛ Awurade se, "Yɛayɛ bɔne. Twe yɛn aso sɛnea ɛfata. Nanso gye yɛn fi yɛn atamfo nsam nnɛ." 16 Na Israelfo no tow ananafo anyame no guu nkyɛn bɛsom Awurade. Na Awurade ho yeraw no wɔn ahokyere no ho.

17 Saa bere no na Amonfo asraafo aboa wɔn ho ano Gilead, wɔrekɔtow ahyɛ Israel asraafo so Mispa. 18 Na Gilead ntuanofo no keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, "Obiara a obedi kan atow ahyɛ Amonfo so no bɛyɛ nea obedi Gileadfo nyinaa so."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também