Pular para o conteúdo
Publicidade

Romafo 15:8-13

WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

8 Efisɛ meka kyerɛɛ mo se Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafo somfo de kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔbɛma ne bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu, 9 na wama amanamanmufo nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se,

"Eyi nti mɛkamfo wo wɔ amanamanmufo mu;

na mato nnwom akamfo wo din."

10 Na ɛka bio se,

"Mo amanamanmufo, monkamfo Awurade,

mo ne ne nkurɔfo Yudafo."

11 Bio,

"Amanamanmufo nyinaa nyi Awurade ayɛ;

asase so aman nyinaa monkamfo no."

12 Na Yesaia ka bio se,

"Yisai aseni bɛsɔre,

nea ɔbɛsɔre abedi amanaman no so;

ɔno na wɔn ani bɛda ne so."

13 Anidaso Nyankopɔn no a mugye no di no mfa anigye ne asomdwoe nhyɛ mo ma, sɛnea ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidaso mmoroso.

Em outras traduções

  1. WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

    8 Ɛfiri sɛ, meka kyerɛɛ mo sɛ, Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafoɔ ɔsomfoɔ de kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ a ɔbɛma ne bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu, 9 na wama amanamanmufoɔ nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ,

    "Yei enti, mɛkamfo wo wɔ amanamanmufoɔ mu;

    na mato nnwom akamfo wo din."

    10 Na ɛka bio sɛ,

    "Mo amanamanmufoɔ, monkamfo Awurade,

    mo ne ne nkurɔfoɔ, Yudafoɔ."

    11 Na bio,

    "Amanamanmufoɔ nyinaa nyi Awurade ayɛ;

    asase so aman nyinaa monkamfo no."

    12 Na bio Yesaia ka sɛ,

    "Yisai aseni bɛsɔre,

    deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so;

    ɔno na wɔn ani bɛda ne so."

    13 Anidasoɔ Onyankopɔn no a mogye no die no mfa anigyeɛ ne asomdwoeɛ nhyɛ mo ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidasoɔ mmorosoɔ.

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.