8 Ɛfiri sɛ, meka kyerɛɛ mo sɛ, Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafoɔ ɔsomfoɔ de kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ a ɔbɛma ne bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu, 9 na wama amanamanmufoɔ nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ,
"Yei enti, mɛkamfo wo wɔ amanamanmufoɔ mu;
na mato nnwom akamfo wo din."
10 Na ɛka bio sɛ,
"Mo amanamanmufoɔ, monkamfo Awurade,
mo ne ne nkurɔfoɔ, Yudafoɔ."
11 Na bio,
"Amanamanmufoɔ nyinaa nyi Awurade ayɛ;
asase so aman nyinaa monkamfo no."
12 Na bio Yesaia ka sɛ,
"Yisai aseni bɛsɔre,
deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so;
ɔno na wɔn ani bɛda ne so."
13 Anidasoɔ Onyankopɔn no a mogye no die no mfa anigyeɛ ne asomdwoeɛ nhyɛ mo ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidasoɔ mmorosoɔ.