Pular para o conteúdo
Publicidade

Romanos 3

1 Ɛno de, na Yudaniyɛ so mfaso ne dɛn, anaasɛ twetiatwa so mfaso bi? 2 Yiw mfaso so. Nea edi kan no, Onyankopɔn de ne nsɛm ahyɛ wɔn nsa.

3 Na ebinom nni gyidi ɛ? Gyidi a wonni no kyerɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo ana? 4 Ɛnte saa koraa! obiara ɔtorofo a, Onyankopɔn de, ɔyɛ ɔnokwafo, sɛnea wɔakyerɛw se,

"Wudi bem wo kasa mu

na woteɛ wʼatemmu mu."

5 Na obi bɛka se, "yɛn bɔne a yɛyɛ no da Onyankopɔn trenee adi kann a, adɛn nti na ɛsɛ Onyankopɔn abufuwhyew ba yɛn so?" (Merekasa onipa) 6 Dabi da! Onyankopɔn nyɛ ɔtreneeni a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi abu wiase atɛn? 7 Obi begye akyinnye aka se, "me nkontompo ma Onyankopɔn nokware da adi na nʼanuonyam boro so a, ɛno de, adɛn nti na Onyankopɔn bu me ɔdebɔneyɛni?" 8 Ebinom nso bɛka se, "Ɛno de, momma yɛnyɛ bɔne sɛnea biribi pa befi mu aba!" Nnipa bi mpo ka se saa asɛm yi na yɛka. Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.

Obiara Nteɛ

9 Afei, dɛn na yɛnka? Yɛn Yudafo nnipa sen amanamanmufo no ana? Ɛnte saa! Makyerɛ mu dedaw Yudafo ne amanamanmufo nyinaa bɔne tumi ase. 10 Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se,

"Obiara nyɛ ɔtreneeni;

11 obiara nyɛ ɔbadwemma;

na obiara nni a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.

12 Nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho;

wɔn nyinaa ayɛ bɔne.

Obiara nni a ɔyɛ papa.

Ɔbaako mpo nni ."

13 "Wɔn anom te ɔda a abue;

na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm."

"Wɔn anofafa ka nsɛm a ɛte ɔwɔ ano bɔre.

14 Nnome a ɛyɛ hu na efi wɔn anom ba."

15 "Wɔnam awudi so pira afoforo ntɛm.

16 Wɔde ɔsɛe ne awerɛhow ba,

17 na wonnim asomdwoe kwan."

18 "Na wonsuro Onyankopɔn."

19 Yenim biribiara a ɛwɔ mmara no mu no, wɔkyerɛw maa wɔn a wɔhyɛ mmara no tumi ase. Mmara no ka eyinom sɛnea ɛbɛyɛ a obiara rennya anoyi, na ama Onyankopɔn akyerɛ wiase nyinaa di . 20 Efisɛ obiara nni a ɔyɛ nea mmara no hyɛ ɔnnyɛ a, Onyankopɔn bebu no bem. Nea mmara no ara ne , ɛma onipa hu wayɛ bɔne.

21 Wɔada treneeyɛ a efi Onyankopɔn, na emfi mmara no adi. Ɛno na mmara no ne Adiyifo no di ho adanse. 22 Saa treneeyɛ a efi Onyankopɔn yi nam gyidi a yɛwɔ Yesu Kristo mu. Ɛwɔ ma agyidifo nyinaa. Nsonoe biara nni mu. 23 Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn, 24 nanso ɔnam Kristo adom nkwagye no so abu wɔn nyinaa bem. 25 Onyankopɔn somaa Kristo ɔmfa ne ho mmɛbɔ afɔre mma yɛn. Kristo de ne mogya mae, sɛnea ɛbɛyɛ a gyidi a yebenya ne mu nti wobegye yɛn. Saa afɔre yi ma yehu , mmere a atwa mu no, Onyankopɔn nam boasetɔ ne adom so de bɔne kyɛe. 26 Efisɛ na Onyankopɔn rehwɛ kwan na ɔde wɔn abɛka nea ɔreyɛ saa bere yi no ho. Onyankopɔn yɛɛ eyi de kyerɛɛ ne trenee, efisɛ ɔno ankasa nyɛ nyiyimu, na obu atɛntrenee nso, na nnebɔneyɛfo gye Yesu di a, obu wɔn wɔteɛ nʼani so.

27 Ɛno de, na ahohoahoa he? Biribiara nni ! Na adɛn nti? Mmara no a yedi so no nti na wagye yɛn anaa? Dabi. Gye a ogye yɛn no nnyina mmara a yedi so, na mmom, egyina gyidi a yɛwɔ Yesu mu. 28 Ne tiaatwa ne , wɔnam gyidi so na wobu onipa bem, na ɛnyɛ mmara a odi so no nti. 29 Onyankopɔn Yudafo nko ara Nyankopɔn ana? Ɔnyɛ amanamanmufo nso Nyankopɔn bi ana? Ɛyɛ nokware turodoo ɔyɛ amanamanmufo nso Nyankopɔn. 30 Onyankopɔn baako, na ɔnam gyidi nko ara a Yudafo so bebu wɔn bem. Na saa ara nso na ɔnam gyidi nko ara so bebu amanamanmufo bem. 31 Enti eyi kyerɛ , ɛsɛ yɛfa saa gyidi no so gyae Mmara no so di ana? Dabi da, na mmom, yɛwɔ gyidi a, yɛfoa Mmara no adanse so.

Veja também