Pular para o conteúdo
Publicidade

Romanos 6

Nkwa Kristo Mu

1 Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Yɛbɛkɔ so atena bɔne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a adom bɛdɔɔso ana? 2 Ɛnte saa koraa! Yɛawu ama bɔne, na adɛn nti na ɛsɛ yɛkɔ so tena bɔne mu? 3 Anaa munnim bere a wɔbɔɔ yɛn nyinaa asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wu mu? 4 Bere a wɔbɔɔ yɛn asu no, yewui na wosiee yɛn ne Kristo. Sɛnea Agya Onyankopɔn nam nʼanuonyam so nyan Kristo fii awufo mu baa nkwa mu no, saa ara nso na mprempren yɛte ase nkwa foforo mu.

5 Na yɛne no ayɛ koro ne wu mu a, wɔbɛfa saa ɔkwan koro no ara so anyan yɛn aba nkwa mu, na yɛne no ayɛ baako. 6 Yenim wɔbɔɔ yɛn nipadua dedaw no ne Kristo asennua mu. Wɔyɛɛ eyi sɛnea nipadua dedaw a ɛyɛ bɔne no renyɛ bɔne nkoa bio, 7 efisɛ onipa wu a, na wɔayi no afi bɔne tumi ase.

8 yɛne Kristo awu a, yɛwɔ gyidi yɛne no bɛtena. 9 Efisɛ yenim wɔanyan Kristo afi owu mu, na ɔrenwu bio. Owu nni ne so tumi bio. 10 Ne wu a owui no yɛɛ owuprɛko maa bɔne, na nʼase a ɔte yi, ɔte ma Onyankopɔn.

11 Ɛno nti saa ɔkwan koro ara so na ɛsɛ mofa mo ho moawu ama bɔne, na motena ase ma Onyankopɔn Kristo Yesu mu. 12 Ɛnsɛ bɔne di mo nipadua a ewui no so na amma mo anyɛ bɔne. 13 Saa ara nso na ɛnsɛ mugyaw mo honam akwaa biara ma bɔne nneɛma a wɔde di amumɔyɛsɛm. Na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn nnipa a wɔanyan mo afi owu mu aba nkwa mu. Momfa mo ho nyinaa mma no, na ɔmfa mo nyɛ trenee nnwuma. 14 Ɛnsɛ bɔne di mo so, efisɛ monhyɛ mmara ase, na mmom mohyɛ adom ase.

Trenee Nkoa

15 Dɛn bio? Esiane yɛnhyɛ mmara ase na yɛhyɛ adom ase no nti, ɛsɛ yɛkɔ so bɔne ana? Dabi da. 16 Munnim , nea mutie no ara na ne nkoa ne mo anaa? ɛyɛ bɔne a ɛde owu mu, anaasɛ osetie a ɛde trenee. 17 Nanso yɛda Onyankopɔn ase. Efisɛ bere bi a atwa mu a na moyɛ bɔne nkoa no, mode mo koma nyinaa tiee nkyerɛkyerɛ a wɔde maa mo no. 18 Wɔagye mo afi bɔne mu ama moabɛyɛ nkoa ama trenee.

19 Esiane mo nipasu nti, mede nkoasom ho mfonitwa reboa mo ama moate eyinom nyinaa ase. Sɛnea mmere bi mode mo ho nyinaa maa afide ne amumɔyɛsɛm nkoa no, afei de momfa nyɛ nkoa mma trenee nkɔ kronkronyɛ mu. 20 Bere a na moyɛ bɔne nkoa no, na treneeyɛ nni mo so tumi. 21 Moyɛɛ nneyɛe a afei de mo ani wu ho no, mfaso bɛn na munyae? Nea ekowiei ne owu. 22 Nanso mprempren wɔagye mo afi owu mu ama moabɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Mfaso a munya mu no kronkronyɛ mu, na nea efi mu ba nkwa a enni awiei. 23 Na bɔne so akatua owu, nanso Onyankopɔn akyɛde nkwa a enni awiei, Kristo Yesu yɛn Awurade mu.

Veja também