Pular para o conteúdo
Publicidade

Romanos 6

2 Ɛnte saa koraa! Yɛawu ama bɔne, na adɛn nti na ɛsɛ yɛkɔ so tena bɔne mu? 3 Anaa munnim bere a wɔbɔɔ yɛn nyinaa asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wu mu? 4 Bere a wɔbɔɔ yɛn asu no, yewui na wosiee yɛn ne Kristo. Sɛnea Agya Onyankopɔn nam nʼanuonyam so nyan Kristo fii awufo mu baa nkwa mu no, saa ara nso na mprempren yɛte ase nkwa foforo mu.

5 Na yɛne no ayɛ koro ne wu mu a, wɔbɛfa saa ɔkwan koro no ara so anyan yɛn aba nkwa mu, na yɛne no ayɛ baako. 6 Yenim wɔbɔɔ yɛn nipadua dedaw no ne Kristo asennua mu. Wɔyɛɛ eyi sɛnea nipadua dedaw a ɛyɛ bɔne no renyɛ bɔne nkoa bio, 7 efisɛ onipa wu a, na wɔayi no afi bɔne tumi ase.

Veja também