Pular para o conteúdo
Publicidade

Romanos 7

Wɔde Aware Mfatoho

1 Me nuanom, munim esiane mo nyinaa nim mmara no nti, mote nea mepɛ meka no ase ; mmere dodow a onipa te ase no, mmara di ne so ana? 2 Te ɔbea warefo, mmere dodow a okunu no te ase no de, ɔhyɛ ne kunu mmara ase, na okunu no wu de a, na ɔnhyɛ ne kunu mmara ase bio. 3 Ɛno nti ɔkɔ ɔbarima foforo ho bere a ne kunu te ase a, wɔfrɛ no ɔwaresɛefo; na ne kunu no wu a na ɔnhyɛ saa mmara no ase bio; ɛno nti ɔware ɔbarima foforo a, ɔnyɛ ɔwaresɛefo.

4 Afei me nuanom, mo nso, Kristo wu a owui nti moawu afi mmara no tumi ase. Ne saa nti, mone ɔno a wonyan no fii awufo mu abom sɛnea mobetumi asom Onyankopɔn. 5 Bere a na yɛte ase ma yɛn ho no, yɛn bɔne su nam mmara no so kanyan yɛn yɛn mu ma yɛyɛɛ adwuma maa owu. 6 Afei de, yɛnhyɛ mmara biara ase efisɛ yewu fii nea ɛkyekyeree yɛn nneduafo no ase. Afei de, yɛnhyɛ mmara biara a wɔakyerɛw no dedaw ase bio, na mmom yɛnam honhom foforo kwan so na ɛsom.

Yɛne Bɔne Di Aperepere

7 Enti asɛm bɛn na yɛnka? Mmara no bɔne ana? Dabi da! Mmom, ɛnam mmara so na mihuu sɛnea bɔne te. ɛnyɛ mmara no na ɛkaa , "Mma wʼani mmere obi ade" a, anka minnim anibere. 8 Bɔne nyaa kwan nam mmara nsɛm no so kekaa ne ho me mu, maa mʼani beree nneɛma ahorow bebree. mmara no nni a, bɔne nso nni tumi. 9 Ansa na mehu mmara no na mewɔ nkwa. Nanso mmaransɛm no bae no, metee bɔne ase, na miwui. 10 Mihuu mmaransɛm a anka ɛde nkwa bɛba no, de owu bae. 11 Bɔne nam mmaransɛm no so nyaa kwan daadaa me; ɛnam mmaransɛm no so maa bɔne kum me. 12 Nanso mmara no kronkron; na Mmaransɛm no nso kronkron, ɛteɛ na eye nso.

13 Ade a eye no bɛyɛɛ owu maa me ana? Dabi da! Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu bɔne bɔne no, ɛfaa nea eye so de owu brɛɛ me. Enti bɔne nam mmaransɛm so maa me huu bɔne ade a ɛyɛ hu.

14 Yenim mmara no honhom mu ade nanso meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me akoa ama bɔne. 15 Mente nea meyɛ ase; efisɛ menyɛ nea ɛsɛ meyɛ na mmom, meyɛ nea mikyi. 16 meyɛ nea mempɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ mepene so mmara no ye. 17 Sɛnea ɛte no, ɛnyɛ mʼankasa na meyɛ eyi; na mmom bɔne a ɛte me mu no. 18 Minim ade pa biara nte me mu, me bɔne nipasu yi mu. Efisɛ mepɛ meyɛ nea eye nanso mintumi nyɛ. 19 Papa a mepɛ meyɛ no, menyɛ; mmom bɔne a mempɛ meyɛ no na meyɛ. 20 meyɛ nea mempɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ ɛnyɛ me na meyɛe, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.

21 Mmara no ama mahu biribi te me mu a ɛmma mennyɛ nea minim eye. 22 Me koma nyinaa mu, migye Onyankopɔn mmara to mu. 23 Nanso mifi mʼakwaa nyinaa mu hu biribi ne mʼadwene di aperepere, ɛma meyɛ bɔne akoa, na ɛno na ɛhyɛ me ma meyɛ biribiara. 24 Minni ahotɔ! Hena na obegye me afi saa ɔhonam a ɛde me rekɔ owu mu yi mu? 25 Menam yɛn Awurade Yesu Kristo so meda Onyankopɔn ase.

Na afei mʼankasa mʼadwene mu no, meyɛ akoa ma Onyankopɔn mmara, nanso bɔne nipasu mu no, meyɛ akoa ma bɔne.

Veja também