Pular para o conteúdo
Publicidade

Romanos 8

Nkwa A Efi Honhom Mu

1 Enti afɔbu nni ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu, 2 efisɛ Honhom Kronkron no ama mo nkwa a efi Kristo Yesu nkyɛn, na agye mo afi mmara a ɛde owu ba. 3 Esiane ɔhonam mmerɛwyɛ nti, Mose Mmara no antumi annye yɛn. Enti Onyankopɔn yɛɛ nea Mmara no antumi anyɛ. Ɔnam nʼankasa ne Ba a ɔsomaa no onipa bɔnesu so no ba bɛbɔɔ afɔre maa yɛn, na obebuu bɔne atɛn de pepaa yɛn bɔne. 4 Onyankopɔn yɛɛ eyi, sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo bɛyɛ Mmara no asɛde ama yɛn, yɛn a yɛnnantew ɔhonam fam, na mmom yɛnantew honhom mu no.

Veja também