Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 31

Saulo Wu

1 Afei, Filistifo no ko tiaa Israel. Israelfo no guanee wɔn anim, na wokunkum pii Gilboa bepɔw so. 2 Filistifo no kɔɔ Saulo ne ne mmabarima so, kunkum wɔn mu baasa a ɛyɛ Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua. 3 Ɔko no mu yɛɛ den baabi a na Saulo . Filistifo agyantowfo no bɛn no, na wopiraa no kɛse pa ara.

4 Saulo fi yaw mu ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, "Twe wʼafoa no, na fa me, na wɔn a wontwaa twetia no amfa wɔn afoa ammɛwɔ me, angu mʼanim ase."

Na nʼakodekurafo no suroo ɔbɛyɛ saa. Enti Saulo twee ɔno ankasa afoa sinaa ne ho so. 5 Bere a nʼakodekurafo no huu wawu no, ɔno nso sinaa ne ho nʼankasa afoa no so, na owu kaa ne ho. 6 Enti Saulo ne ne mma mmarima baasa, nʼakodekurafo ne nʼakofo nyinaa totɔɔ saa da no.

7 Bere a Israelfo a wɔwɔ Yesreel bon no fa baabi ne Yordan agya no huu Israel asraafo no adi nkogu, na Saulo nso ne ne mmabarima no nso atotɔ no, wogyaw wɔn nkurow guanee. Na Filistifo no bɛtenaa .

8 Ade kyee a Filistifo koyiyii atɔfo no ho no, wohuu Saulo ne ne mmabarima baasa no amu Gilboa bepɔw so. 9 Enti wotwaa Saulo ti, yiyii nʼakode nyinaa. Afei, wɔbɔɔ Saulo wu no dawuru wɔn abosomfi, ne ɔman no mu nyinaa. 10 Wɔde nʼakode no koguu Astoret nsɔree so, na wɔkyekyeree nʼamu no fam kuropɔn Bet-San fasu ho.

11 Na Yabes Gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saulo no, 12 wɔn akofo twaa kwan anadwo mu no nyinaa kɔɔ Bet-San kɔfaa Saulo ne ne mmabarima baasa no amu fii ɔfasu no ho. Wɔde kɔɔ Yabes bɛhyew wɔn. 13 Afei, wɔfaa wɔn nnompe kɔkoraa no odum dua no ase Yabes, na wodii mmuada nnanson.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também