Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 28

Saulo Abisa

1 Saa bere no, Filistifo no boaboaa wɔn asraafo ano wɔrebɛko atia Israel. Akis ka kyerɛɛ Dawid se, "Merehwɛ kwan , wo ne wo mmarima bɛka me ho akɔ ɔko no."

2 Dawid penee so se, "Eye pa ara, wʼankasa wubehu nea wʼakoa betumi ayɛ."

Akis kae se, "Eye, mɛyɛ wo me bammɔfo afebɔɔ."

3 Saa bere yi na Samuel awu, ama Israel nyinaa atwa agyaadwo. Wosiee no ɔno ara ne kurom Rama. Saa bere no, na Saulo apam atutu ahoni ne ahonhom afi asase no so.

4 Filistifo no boaa wɔn ho ano, kyeree nsraban Sunem, na Saulo nso boaboaa Israelfo no nyinaa ano, kyeree nsraban Gilboa. 5 Bere a Saulo huu Filistifo asraafo no dodow no, osuroe; ehu hyɛɛ ne koma ma. 6 Obisaa Awurade nea ɔnyɛ nanso Awurade amfa adaeso anaa ntontobɔ kronkron anaa adiyifo so ammua no. 7 Saulo ka kyerɛɛ nʼafotufo se, "Monhwehwɛ ɔbea samanfrɛfo bi mma me, na menkɔ ne abisa."

Nʼafotufo no buae se, "Ɔbea samanfrɛfo bi En-Dor."

8 Enti Saulo hyɛɛ ntade afoforo a ɛnyɛ ɔhene afade, sakraa ne ho, na ɔne mmarima no mu baanu kɔɔ ɔbea no nkyɛn anadwo. Saulo kae se, "Ɛsɛ me ne obi a wawu kasa. Wubetumi afrɛ ne honhom ama me ana?"

9 Ɔbea no bisae se, "Wopɛ wokum me ana? Wunim Saulo apam asamanfrɛfo ne ahohomfrɛfo nyinaa afi asase yi so. Adɛn nti na wusum me afiri?"

10 Saulo de Awurade din kaa no ntam se, "Mmere dodow a Awurade te ase yi, wɔrentwe wʼaso eyi ho da."

11 Afei, ɔbea no bisae se, "Hena na memfrɛ no mma wo?"

Obuae se, "Frɛ Samuel ma me."

12 Na ɔbea no huu Samuel no, ɔde nne kɛse teɛɛ mu ka kyerɛɛ Saulo se, "woadaadaa me! Wone Saulo!"

13 Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, "Nsuro. Dɛn na wuhu?" Ɔbea no buae se, "Mihu honhom bi apue afi fam reba."

14 Saulo bisae se, "Ɔte dɛn?"

Obuae se, "Akwakoraa bi a ɔhyɛ batakari, na ɔreba."

Ɛhɔ na Saulo huu ɛyɛ Samuel, enti ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim butuw fam.

15 Samuel bisae se, "Adɛn nti na wofrɛ me de haw me saa?"

Saulo buae se, "Efisɛ ɔhaw ne abɛbrɛsɛ amene me. Filistifo de ɔko atentam yɛn. Na Onyankopɔn nso agyaw me. Mente ne nka adiyifo nkyɛn anaa daeso mu. Enti mafrɛ wo kyerɛ me nea menyɛ."

16 Na Samuel buae se, "Awurade agyaw wo, abɛyɛ wo tamfo a, adɛn nti na worebisa me? 17 Awurade ayɛ nea ɔnam me so hyɛɛ ho nkɔm no. Wagye ahenni no afi wo nsam de ama Dawid, wo nkurɔfo no mu baako. 18 Awurade ayɛ saa, efisɛ woanni ne mmara a ɛfa Amalekfo ho no so. 19 Nea ɛka ho ne se, ɔkyena, Awurade de wo ne Israel asraafo nyinaa bɛma Filistifo, na wo ne wo mma abɛka me ho ha. Awurade bɛma Israel asraafo no nyinaa adi nkogu."

20 Samuel nsɛm a Saulo tee no nti, ehu kyekyeree no ma ɔhwee fam. Na onni ahoɔden biara, efisɛ na onnidii da mu no ne anadwo mu no nyinaa.

21 Ɔbea no huu adwene mu haw a ɔwɔ mu no, ɔka kyerɛɛ no se, "Owura, mede me nkwa too , yɛɛ wʼabisade. 22 Enti nea mɛkyerɛ wo no, na mama wo biribi adi sɛnea ɛbɛma woanya ahoɔden asan akɔ wʼakyi."

23 Nanso Saulo antie. Mmarima a wɔka ne ho no hyɛɛ no onnidi. Enti akyiri no, ɔpenee so sɔre fii fam , tenaa akongua so.

24 Na ɔbea no ayɛn nantwi ba ama wadɔ srade nti, ɔyɛɛ ntɛm kokum no, na ɔfɔw asikresiam, fɔtɔw de too apiti. 25 Ɔde aduan no besii Saulo ne ne mmarima no anim ma wodii. Na wofii kɔɔ anadwo no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também