Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 22

Dawid Kɔhyɛ Adulam Ɔbodan Mu

1 Dawid22.1 Na Dawid aseni yɛ Moabni (Rut 1.22; 4.17-22). guan fii Gat kɔtɛw ɔbodan a ɛwɔ Adulam no mu. Ankyɛ biara na ne nuanom mmarima ne ne fifo bi kɔkaa ne ho . 2 Afoforo bi nso kɔkaa ne ho . Na saa nnipa no nnipa a ɔhaw da wɔn so anaa wɔn a wɔdede aka ne wɔn a asetena nkɔ wɔn yiye. Wɔbae ara kosii Dawid bɛyɛɛ ɔkannifo maa nnipa bɛyɛ ahannan.

3 Akyiri no, Dawid kɔɔ Mispe a ɛwɔ Moab kobisaa Moabhene se, "Wobɛma mʼagya ne me na abɛtena wo nkyɛn kosi mehu nea Onyankopɔn bɛyɛ ama me ana?" 4 Ɔhene no penee so maa Dawid awofo tenaa Moab mmere dodow a na Dawid te ne hintabea .

5 Nanso odiyifo Gad ka kyerɛɛ Dawid se, "Ntena hintabea . Yuda asase so." Enti Dawid kɔɔ Heret kwae mu.

6 Afei Saulo tee wɔahu Dawid ne ne nkurɔfo. Saa bere no, na ɔhene no te nnyedua bi ase Gibea bepɔw so a okura ne peaw na ne mpanyimfo atwa ne ho ahyia. 7 Osee wɔn , "Muntie, Benyamin mmarima! Dawid ahyɛ mo mfuw ne bobe nturo ho bi ana? Wahyɛ mo mobɛyɛ nʼasafohene nʼakofo so ana? 8 Ɛno nti na mo nyinaa abɔ pɔw atia me yi? Na amfa mo mu biara ho morenka biribi nkyerɛ me se me ara me babarima Dawid afa. Munnwen ho! Me ara me babarima hyɛ mʼakoa nkuran ɔnkɔtɛw me mpɛ me nkum me!"

9 Ɛhɔ na Edomni Doeg a na ɔne Saulo akofo gyina no kae se, "Mihuu Yisai ba no ɔbae Ahitub ba Ahimelek nkyɛn Nob. 10 Ahimelek bisaa Awurade nea Dawid nyɛ. Ɔsan maa no nnuan, na ɔde Filistini Goliat afoa no kaa ho maa no."

Wokum Asɔfo No

11 Ɔhene no somaa wɔnkɔfa ɔsɔfo Ahimelek ne ne fifo a na wɔyɛ asɔfo Nob no nyinaa mmra. 12 Wɔbae no, Saulo kae se, "Tie! Ahitub ba."

Obuae se, "Nana asɛm bɛn."

13 Na Saulo bisaa no se, "Adɛn nti na wo ne Dawid apam me ti so, na womaa no brodo ne afoa, san bisaa Awurade maa no. Adɛn nti na wohyɛ no nkuran ɔnyɛ adɔm ntia me na ɔmmɛtow nhyɛ me so ha?"

14 Ahimelek buae se, "Nana, mesrɛ mibisa , wʼasomfo yi nyinaa mu no, obi a ɔyɛ nokwafo te wʼase Dawid ana? Hwɛ ɔyɛ wʼawɛmfo nyinaa so safohene, na wobu no yiye wo fidua mu. 15 Ɛnyɛ saa da no ne da a edi kan a mabisa Awurade ama no. Dabi da! Ɛnsɛ ɔhene no de sobo ne somfo ne ne fifo, efisɛ wʼakoa nnim saa asɛm yi ho biribiara."

16 Na ɔhene kae se, "Ɔkwan biara so, wubewu. Ahimelek, wo ne wo fifo nyinaa bewuwu."

17 Na ɔhene ka kyerɛɛ nʼawɛmfo a wɔwɔ no se, "Munkunkum Awurade asɔfo no nyinaa, efisɛ wɔn nso akɔ Dawid afa. Na wonim ɔreguan, nanso wɔanka ankyerɛ me."

Nanso na ɔhene asraafo no mpɛ wɔde wɔn nsa ka Awurade asɔfo no.

18 Enti ɔhene hyɛɛ Doeg se, "Dan wo ho na kunkum asɔfo no." Enti Edomni Doeg dan ne ho kunkum wɔn. Da no, okum mmarima a na wɔhyɛ sirikyi asɔfotade aduɔwɔtwe anum. 19 Afei, ɔkɔɔ Nob a ɛyɛ asɔfo no kurom, kokunkum asɔfo no fifo mmarima, mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi, mfurum ne nguan nyinaa.

20 Na Ahitub ba Ahimelek babarima baako a wɔfrɛ no Abiatar guan kɔɔ Dawid nkyɛn. 21 Bere a ɔka kyerɛɛ Dawid Saulo akunkum Awurade asɔfo no, 22 Dawid teɛɛ mu se, "Na minim! Bere a mihuu Doeg saa da no, na minim ɔbɛka akyerɛ Saulo. Mprempren, mama wʼagya fifo nyinaa awuwu. 23 Wo ne me ntena ha, na mede me nkwa bɛbɔ wo ho ban, efisɛ onipa koro no ara na ɔrehwehwɛ yɛn baanu akum yɛn."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também