Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 14

Yonatan Akokodurusɛm

1 Da bi, Yonatan ka kyerɛɛ aberante a ɔsoa nʼakode se, "Bra na yɛnkɔ baabi a Filistifo no apee so no." Yonatan anka nʼadwene ankyerɛ nʼagya. 2 Saa bere no na Saulo ne ne mmarima ahansia no akyere nsraban Gibea nkwantia atoaa dua a ɛwɔ Migron no ase. 3 (Onipa a na ɔka Saulo mmarima no ho no ne Ahiya a ɔyɛ Awurade sɔfo a na ɔhyɛ sirikyi asɔfotade no. Na Ahiya Ahitub babarima a ɔyɛ Ikabod nua. Na saa Ahitub no nso Pinehas babarima a na ɔyɛ Eli nena nso. Na Eli Awurade sɔfo a na ɔsom Silo.) Na obiara nnim Yonatan afi Israel nsraban mu .

4 Ansa na Yonatan beduu Filistifo nsraban mu no, na ɛsɛ osian fa abotan mmepɔw abien bi a wɔfrɛ no Boses ne Sene no ntam. 5 Ɔbotan a etweri a na ɛwɔ atifi fam no, na ɛkyerɛ Mikmas anim, na nea ɛwɔ anafo fam no nso ɛkyerɛ Geba anim.

6 Yonatan ka kyerɛɛ aberante a ɔyɛ nʼakodekurafo no se, "Ma yentwa mu nkɔ abosonsomfo no nkyɛn. Ebia, Awurade bɛboa yɛn, efisɛ biribiara ntumi nsiw Awurade kwan. Obetumi adi ɔko mu nkonim a ɛmfa ho nʼakofo dɔɔso anaa wosua."

7 Aberante no kae se, "nea wugye di eye biara. Gyinae biara a wubesi no, metaa wʼakyi pintinn."

8 Yonatan kae se, "Eye, yebetwa mu akɔ , na yɛama wɔahu yɛn. 9 Na wɔka se, Munnyina faako a moadu ara na anyɛ saa a, yebekum moa, ɛno de, yebegyina a yɛrenkɔ wɔn nkyɛn. 10 Na wɔka se, Momforo mmra mmɛkoa, ɛno de, yɛbɛforo akɔ soro. Ɛbɛyɛ Awurade nsɛnkyerɛnne ɔbɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim." 11 Bere a Filistifo no huu wɔreba no, wɔteɛɛ mu se, "Monhwɛ o! Hebrifo no na wɔreweawea afi wɔn abon mu no!"

12 Na wɔteɛɛ mu frɛɛ Yonatan se, "Foro bra ha na yɛnkyerɛ wo nyansa!" Yonatan ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, "Bra; foro di mʼakyi na Awurade bɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim."

13 Enti wɔde wɔn nsa abien ne wɔn anan foroe, na Yonatan ne nʼakodekurafo no kunkum Filistifo no benkum ne nifa. 14 Wokunkum mmarima bɛyɛ aduonu maa wɔn amu no dedaa asase a ne trɛw bɛyɛ eka fa so. 15 Ɛhɔ ara, ehu bɔɔ Filistifo asraafo no nsraban no mu ne akono nyinaa, na ɛkaa afowfo no mpo. Ɛhɔ ara asase wosow maa obiara koma tui.

Israel Di Filistifo So Nkonim

16 Saulo awɛmfo a wɔwɔ Gibea no huu biribi a ɛyɛ wɔn nwonwa. Ɛno ara ne , Filistifo asraafo no abɔ ahwete mmaa nyinaa. 17 Afei, Saulo ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no se, "Monhwɛ asraafo no mu nhwɛ obi nni ana." Wɔhwehwɛ huu Yonatan ne nʼakodekurafo no na na wonni .

18 Saulo ka kyerɛɛ Ahiya se, "Kɔfa Onyankopɔn Apam Adaka no bra." (Saa bere no na ɛwɔ Israelfo nkyɛn.) 19 Bere a Saulo rekasa akyerɛ ɔsɔfo no, na basabasa a asi Filistifo nsraban no mu no ano den ara na ɛreyɛ. Enti Saulo ka kyerɛɛ ɔsɔfo no se, "Gyae! Ma yɛnkɔ."

20 Afei, Saulo ne ne mmarima ahansia no kaa wɔn ho ntɛm so fii akono kohuu , Filistifo no atwa wɔn ho rekunkum wɔn ho wɔn ho. Na ɛhɔ nyinaa ayɛ kitikiti ne basabasa nko ara. 21 Mpo, Hebrifo a na wɔdɔm Filistifo asraafo no kɔdɔm Saulo, Yonatan ne Israelfo nkae no. 22 Saa ara na mmarima a na wɔakɔtetɛw mmepɔw mu no huu Filistifo no reguan no, bɛkaa ho taa wɔn bi. 23 Enti Awurade gyee Israel da no. Na ɔko no kɔɔ so ara traa Bet-Awen.

Saulo Ntamhunu

24 Afei, saa da no na Israelfo no abrɛbrɛ, efisɛ na Saulo ama wɔaka ntam se, "Nnome mmra obiara a obedidi ansa na onwini atɔ, anaasɛ ansa matɔ mʼatamfo no so were." Enti obiara amfa hwee anka nʼano da mu no nyinaa, 25 ɛwɔ mu, wohuu ɛwo kyɛm da fam kwae no ase. 26 Wɔamfa wɔn nsa anso ɛwo no mu mpo, efisɛ na wɔn nyinaa suro ntam a wɔaka no. 27 Nanso na Yonatan de, ɔntee nʼagya ntam no ho hwee. Ɔde abaa bi nuu ɛwo kyɛm no mu, dii ɛwo no bi. Odi wiee no, ne ho bae no. 28 Nanso mmarima no mu baako huu no, ka kyerɛɛ no se, "Wʼagya maa asraafo no kaa ntam a emu den , obiara a obedidi nnɛ no, nnome bɛba ne so. Ɛno nti, na obiara ahodwow no."

29 Na Yonatan teɛɛ mu se, "Mʼagya de ɔhaw abɛto yɛn nyinaa so. Mmara a ɛte sɛɛ no pira yɛn. Monhwɛ ɛwo kakra a midii yi, me ho asisi me ho so. 30 mmarima no nyaa kwan dii nnuan a wohuu yɛn atamfo no nkyɛn a, anka mo ara mubehu wɔn dodow a yebekum aka ho."

31 Nanso ɔkɔm no nyinaa akyi, wɔtaa Filistifo no da mu no nyinaa fi Mikmas, kosii Ayalon. Na afei, wɔbrɛbrɛɛ mmoroso. 32 Anwummere no, wɔtow guu asade no so, faa nguan, anantwi ne anantwi mma. Wokunkum wɔn, wee wɔn nam ne wɔn mogya nyinaa frae. 33 Afei, obi ka kyerɛɛ Saulo se, "Hwɛ! Mmarima no reyɛ bɔne atia Awurade, efisɛ wɔrewe nam a mogya fra mu."

Na Saulo kae se, "Ɛyɛ bɔne pa ara. Mumpirew ɔbo kɛse bi mmɛto ha. 34 Na afei monkɔ mmarima no mu nkɔka nkyerɛ wɔn se, Momfa anantwi no ne nguan no mmra ha mmekum wɔn na monsɔn wɔn mogya mfi wɔn mu. Monnnwe nam a mogya da so mu mmfa so nyɛ bɔne ntia Awurade.’ "

Enti anadwo no, asraafo no de wɔn anantwi bae, bekunkum wɔn . 35 Na Saulo sii afɔremuka , de maa Awurade, nea edi kan a osii.

36 Na Saulo kae se, "Momma yɛnkɔ Filistifo no so anadwo yi, na yɛnkɔsɛe wɔn ara nkosi ahemadakye a yɛrennyaw wɔn mu baako koraa." Na wobuae se, "Biribiara a wugye di eye no, yɛbɛyɛ."

Nanso ɔsɔfo no kae se, "Momma yenni kan mmisa Awurade ansa." 37 Enti Saulo bisaa Awurade se, "Menkɔ so ntaa Filistifo no? Na wobɛboa yɛn ama yɛadi wɔn so ana?" Nanso Awurade amma wɔn mmuae biara saa da no.

38 Enti Saulo ka kyerɛɛ ntuanofo no se, "Biribi atɔ kyima, enti mehwehwɛ mʼasahene nyinaa. Ɛsɛ yehu bɔne a yɛayɛ nnɛ. 39 Mede Awurade a oyii Israel din ka ntam nea wayɛ bɔne no bewu, mpo ɔyɛ me babarima Yonatan!" Na mmarima no mu baako mpo antumi anka hwee.

40 Afei, Saulo ka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa se, "Munnyina nohɔ; me ne me babarima Yonatan nso begyina ha." Nnipa no penee so.

41 Enti Saulo bɔɔ Awurade, Israel Nyankopɔn, mpae se, "Ao Awurade Israel Nyankopɔn, yɛsrɛ wo kyerɛ yɛn nea odi ne nea odi bem. Mene Yonatan di anaasɛ bɔne no nkurɔfo no mu? Mfomso no bɛtɔɔ Yonatan ne Saulo so, na nnipa no dii bem." 42 Na Saulo kae se, "Mommɔ me ne me babarima Yonatan so ntonto." Na ntonto no bɔɔ Yonatan odi .

43 Saulo bisaa Yonatan se, "Ka nea woayɛ kyerɛ me."

Yonatan gye too mu se, "Mede ɛwo kakra kaa mʼano. Ɛyɛ kakraa bi a na ɛwɔ abaa bi ti so. Na eyi owu asɛm?"

44 Saulo kae se, "Yiw, Yonatan, ɛsɛ wuwu. woanwu saa asɛm yi ho a, Onyankopɔn nka me na minwu."

45 Ɛhɔ ara na nnipa no sɔre teɛɛ mu ka kyerɛɛ Saulo se, "Enti ɛfata Yonatan a ogyee Israel nnɛ no wu ana? Onyame mpa ngu. Bere dodow no a Awurade te ase yi, ne tinwi baako koraa ho nka, efisɛ Onyankopɔn afa ne so ayɛ anwonwade nnɛ." Enti nnipa no gyee Yonatan, na wɔankum no.

46 Na Saulo frɛɛ asraafo no wɔnntaa Filistifo no bio. Enti Filistifo no san kɔɔ fie.

Saulo Akodi Mu Nkonimdi

47 Saulo nyaa Israel ahengua no so tenae a ɔhaw biara mma no, ɔko tiaa nʼatamfo afanan nyinaa. Ɔko tiaa Moab, Amon, Edom Soba ne Filistifo ahemfo. Na baabiara a ɔkɔe no, odii nkonim. 48 Ɔkoo mmarima so, dii Amalekfo so, gyee Israelfo fii wɔn afowfo nyinaa nsam.

49 Na Saulo mmabarima ne Yonatan, Iswi ne Malki-Sua na ne mmabea baanu nso ne Merab a ɔyɛ panyin ne Mikal nso a ɔyɛ akumaa. 50 Na Saulo yere din de Ahinoam a na ɔyɛ Ahimaas ba. Na ne sahene din de Abner a na ɔyɛ Saulo agya nua Ner babarima. 51 Na Saulo agya Kis ne Abner agya Ner anuanom a wɔyɛ Abiel mma.

52 Bere a Saulo dii ade nyinaa, na Filistifo taa ne Israelfo di ako. Enti bere biara a Saulo behu aberante biara a ne koko duru na ɔwɔ ahoɔden no, ɔtwe no de no fra nʼasraafo mu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também