Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 26

Bio, Dawid Ampɛ Obekum Saulo

1 Sififo kɔɔ Saulo nkyɛn Gibea kɔka kyerɛɛ no se, "Dawid akohintaw Hakila bepɔw a ɛkyerɛ Yesimon no mu."

2 Enti Saulo yii nʼakofo mpensa kaa wɔn ho kɔɔ Sif sare so wɔrekɔhwehwɛ Dawid. 3 Saulo bɔɔ nʼatenae ɔkwan a ɛbɛn Hakila bepɔw a ɛne Yesimon di nhwɛanim no nkyɛn, baabi a Dawid akohintaw . Dawid tee Saulo aba , enti 4 ɔsomaa akwansrafo wɔntetɛw no.

5 Dawid kopuee baabi a Saulo abɔ ne ho atenase anadwo bi. Ohuu Saulo ne Abner a ɔyɛ Ner babarima a ɔyɛ ɔsafohene adeda atenae no mu a asraafo a wɔadeda atwa ne ho ahyia.

6 Dawid bisaa Hetini Ahimelek ne Seruia26.6 Na Seruia yɛ Dawid nuabea panyin (1 Be 2.16). Ɛno nti na Abisai ne wɔfaase te sɛnea Yoab (a ɔyɛɛ Dawid Sahene) ne Asahei no. babarima Abisai, Yoab nua se, "Hena na ɔne me bɛkɔ Saulo nkyɛn nʼatenae ?"

Abisai buae se, "Me ne wo bɛkɔ."

7 Enti Dawid ne Abisai kɔɔ asraafo no nkyɛn anadwo, kɔtoo Saulo wada atenae a, ɔde ne peaw atim fam ne ti ho pɛɛ. Na Abner ne asraafo no nso atwa ne ho ahyia a wɔadeda.

8 Abisai ka kyerɛɛ Dawid brɛoo se, "Nnɛ de, Onyankopɔn ayi wo tamfo ahyɛ wo nsa. Enti ma memfa me peaw no nwɔ no pɛn koro, nka no ntim fam. Merenwɔ no mprenu."

9 Nanso Dawid ka kyerɛɛ Abisai se, "Dabi da, nsɛe no. Hena na obetumi de ne nsa aka onipa a Awurade asra no, na onni ho ? 10 Nokware ni, Awurade bɛbɔ Saulo ahwe da koro, anaasɛ ɔbɛtɔ ɔko mu, anaasɛ obenyin na wawu. 11 Onyame ma ɛmpare me mede me nsa bɛka onipa a Onyankopɔn asra no. Na wunim biribi? Yɛbɛfa ne peaw ne ne sukuruwa na yɛakɔ."

12 Na Dawid faa peaw no ne sukuruwa a esi Saulo ti ho no, na wɔkɔe a obiara anhu wɔn na wɔn mu biara nso annyan mpo. Na wɔn nyinaa adeda, efisɛ Awurade de nnahɔɔ too wɔn so.

13 Dawid foroo bepɔw a ɛne atenae di nhwɛanim kosii oduu baabi a bɔne bi ntumi nka no. 14 Ɔteɛɛ mu frɛɛ Abner ne Saulo se, "Sɔre oo! Abner."

Abner bisaa se, "Hena ni?"

15 Dawid goruu ne ho se, "Abner, woyɛ onipa kɛse, ɛnte saa? Israelman mu nyinaa, ɛhe na otumfo bi ? Na adɛn nti na woannwɛn wo wura, ɔhene no bere a obi baa ɔrebekum no no? 16 Saa asɛm yi nye koraa! Meka ntam Awurade din mu , wo ne wo mmarima no nyinaa owu, efisɛ moantumi ammɔ mo wura, nea Awurade asra no no ho ban. Monhwɛ mo ho nhyia. Ɔhene no peaw ne ne sukuruwa a na esi ne ti ho no he?"

17 Saulo tee Dawid nne nti ɔfrɛe se, "Wo ni, me ba Dawid?"

Na Dawid buaa no se, "Nana, ɛyɛ me. 18 Adɛn nti na wotaa me? Dɛn na mayɛ? Me bɔne ne dɛn? 19 Na afei mepɛ me wura tie ne somfo, Nana. Awurade na wahwanyan wo atia me a, ɛno de ma onnye mʼafɔre. Na nso ɛyɛ onipa nhyehyɛe a, ɛno de, Awurade nnome wɔn a wɔyɛɛ saa nhyehyɛe no. Efisɛ moapam me afi me fi sɛnea ɛbɛyɛ a, merentumi ne Awurade nkurɔfo ntena, nsom sɛnea ɛsɛ. 20 Minwu ananafo asase so a ɛhɔ ne Awurade anim kwan ware ana? Adɛn nti na Israelhene atu sa, rehwehwɛ sommɔre; sɛnea ɔbɔmmɔfo ahayɛ kɔpɛ asɛmɛntɛ mmepɔw so?"

21 Afei Saulo kae se, "Mayɛ bɔne. San bra fie, me ba Dawid. Efisɛ nnɛ, woama me nkwa asom wo bo. Merenhaw wo bio. Mayɛ nkwaseade na mafom yiye."

22 Dawid buae se, "Ao, ɔhene, wo peaw ni. Ma wo mmerante no mu baako mmra mmegye. 23 Awurade na ɔma papayɛ ne nokwaredi so akatua. Awurade de wo hyɛɛ me tumi ase mpo, mampɛ mekum wo, efisɛ woyɛ obi a Awurade asra wo. 24 Afei, me kra nsom Awurade bo, sɛnea wo de asom me bo nnɛ yi. Onnye me mfi me haw nyinaa mu."

25 Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid se, "Nhyira nka wo, me ba Dawid. Wobɛyɛ mmaninne ne nkonimdifo kɛse."

Na Dawid kɔe, na Saulo nso san kɔɔ fie.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também